Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/94 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1994
Yɛn Ahenni Som—1994
km 4/94 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Ma wɔnkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! anaasɛ fa brochure biara ma (gye Sukuu brochure no). June: Life​—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? July: Nhomawa a ekura nkratafa 32 a mo asafo no wɔ dedaw abiɛsa a moaka abom. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara Literature Request Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi. Nhomawa a ekura nkratafa 32 a Asafo ti no wɔ bi wɔ hɔ ne “So Onyankopɔn Bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho?” Nea aka no bi nni hɔ.

◼ Faako a ebetumi ayɛ yiye no, mpanyimfo no nyɛ nhyehyɛe mma asafo no nyɛ anwummere adansedi na ama wɔadu nnipa pii nkyɛn.

◼ Ɔwɛn-Aban adesua no akenkanfo nhyɛ no nsow sɛ ɛsɛ sɛ wɔkenkan nkahyemde [ ] mu nsɛmfua no na ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tra bere a wɔkenkan nkyekyem no. Sɛ mfatoho no, hwɛ ɔkasamu a emu asɛmfua bi hyɛ nkahyemde mu wɔ March 15, 1994, Ɔwɛn-Aban no kratafa 17 no nkyekyem 7 no. Kenkan na bɔ tra nkahyemde no mu asɛmfua no, na wubehu sɛ adwene a ɛwom no fã titiriw bi ayera. Saa ara na sɛ wobɔ tra nsɛmfua a ɛwɔ nkahyemde mu wɔ kratafa 18, nkyekyem 11 bere a wokenkan no a, wubehu sɛ ntease nni asɛm no mu. Nanso, ɛho nhia sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nkahyemde foforo yi ( ) mu no. Ehia sɛ wohyɛ no nsow bio nso sɛ ɛsɛ sɛ wokenkan ase hɔ nsɛm no ka nkyekyem ahorow no ho wɔ Ɔwɛn-Aban no akenkan mu. Wubetumi akenkan ase hɔ asɛm no wɔ nkyekyem no mu ade a wɔfrɛ no “asterisk” (*) no akyi, anaasɛ bere a woakenkan nkyekyem a “asterisk” no wom awie no. Yegyaw ma ɔkenkanfo no ma wapaw nea ɔbɛyɛ mpɛn dodow a ɔkenkan ase hɔ asɛm no.

◼ Sɛ obi nsa anka nsɛmma nhoma a ɔkrae no wɔ adapɛn asia akyi, fi bere a wɔde manaa baa dwumadibea no a, monhwɛ ɔsram biara sika ho kyerɛwtohɔ krataa no so nhwɛ sɛ ebia wɔde ho kã aka mo kã ho anaa. Sɛ wɔmfa nkaa ho wɔ sika ho kyerɛwtohɔ ho nkrataa abien a atwam no so a, yɛsrɛ sɛ momfa nsɛmma nhomakra kratasin no a ɛwɔ mo nneɛma mu, Weekly Subscriptions nkratasin no biako ne krataa a mode kyerɛkyerɛ mu mmrɛ baa dwumadibea no. Nanso, sɛ sika kyerɛwtohɔ ho krataa no kyerɛ sɛ baa dwumadibea no de aka mo ka ho a, ɛsɛ sɛ mo asafo no kyerɛwfo kyerɛw krataa de amanneɛbɔ a edidi so yi ka ho mana baa dwumadibea no: (1) Onipa a ɔkrae no din nyinaa ne n’address; (2) kasa ne nsɛmma nhoma ko a ɔkrae; (3) sɛ ebia ɛyɛ asram asia anaa afe; (4) bere a wɔde manaa baa dwumadibea no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa hyɛ nkrataa a ɛte sɛɛ nyinaa ase.

◼ Wɔrekae asafo ahorow no sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa hyɛ krataa biara a wɔde kyerɛ sɛ nsɛmma nhoma anaa nhoma a wɔde brɛɛ wɔn no annu dodow a wɔkrae no ase.

◼ Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden yiye to nsa frɛ wɔn a wɔbaa Nkaedi no March 26 no ma wɔba betie Nkaedi bere no mu baguam ɔkasa titiriw a n’asɛmti ne “Nokware Som De Adesamma Ahiade Ahorow Ma” no. Wɔbɛma ɔkasa yi wɔ asafo dodow no ara mu April 10.

◼ Video Kasɛt Foforo a Ɛwɔ Hɔ: Engiresi: The Bible​—Accurate History, Reliable Prophecy.

◼Nhoma a Ebi Da So Wɔ Hɔ

Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn​—So Wɔboa Yɛn anaa Wodi Yɛn Awu? Ɛwɔ Engiresi, Ewe, Ga ne Twi kasa mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena