Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July: Nhomawa a ekura nkratafa 32 a mo asafo no wɔ dedaw abiɛsa a wɔaka abom. Sɛ mo asafo no nni nhomawa no bi wɔ hɔ a, wobetumi de brochure a ɛfata ama. Mubetumi akra nhomawa a ekura nkratafa 32 no bi afi Asafo ti no hɔ. August: Mubetumi de brochure a edidi so yi a ekura nkratafa 32 no mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Dɛn ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma kra. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn asram biara Literature Request Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.
◼ Wɔremmue Betel July 1. Wɔrenyɛ adwuma saa da no.
◼ So mode mo asafo “Asasesin a Wɔmfa Nhyɛɛ Obiara Nsa ho Akwammisa” (S-90) krataa no amana dedaw? Sɛ monyɛɛ saa a, yɛde eyi rekae mo sɛ monyɛ saa.
◼ Yɛde nkrataa ahorow abien rema asafo ahorow nyinaa ma wɔde akra “controlled stock” nneɛma te sɛ Yearbook, Watchtower “bound volume,” ne ade, ne “service form” a wɔde kra no afe biara no. Wɔde sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma ho akwankyerɛ a emu da hɔ ama wɔ yɛn krataa a ɛne FA:SH of May 13, 1994 a yɛde kɔmaa mpanyimfo akuw horow nyinaa no mu. Yɛsrɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no nhwɛ nhu sɛ wɔahyehyɛ nkrataa abien no pɛpɛɛpɛ ma ebedu September 30, 1994 no, wɔde amana baa dwumadibea.