Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/94 kr. 1
  • Kura Adwempa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kura Adwempa Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Adwempa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkurɔfo Nkyɛn A Yɛde Adwempa Bɛkɔ So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Kɔ So Fa Anigye Yɛ Asɛnka Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Monna Kristo Adwene Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 8/94 kr. 1

Kura Adwempa Mu

1 Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a yɛkenkan nkɔso a ɛyɛ nwonwa a wɔrenya wɔ aman pii so ho nsɛm no! Nanso, yehu sɛ mmeae bi no, Ahenni adawurubɔfo taa hyia anibiannaso anaasɛ ɔsɔretia ankasa mpo wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho. Sɛ tebea no te saa wɔ yɛn asasesin mu a, yɛbɛyɛ dɛn atumi akura adwempa mu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati adwene a ɛnteɛ a ɛbɛma yɛahwere yɛn anigye anaasɛ ɛbɛbrɛ yɛn nnamyɛ wɔ asuafoyɛ adwuma no ho ase no?

2 Adwempa bɛboa yɛn ma yɛakari pɛ. Wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo mu no, ɛnsɛ sɛ yɛma nsusuwii a ɛnteɛ hyɛ yɛn adwene so. Yesu yɛɛ nhwɛso a edi mu maa yɛn. Sɛ yɛde toto ho a, nnipa kakraa bi na wogyee nea ɔkyerɛkyerɛe no toom. Ne nkyerɛkyerɛ too pii hintidua. Ohyiaa tebea horow a ɛsɔɔ ne boasetɔ hwɛe kɛse. Nyamesom akannifo kasa tiaa n’adwuma no na wɔpam ne tiri so sɛ wobekum no. Wɔtetee ntasu guu no so, wɔbɔɔ no asotɔre, wodii ne ho fɛw, wɔhwee no, na awiei koraa no wokum no. Nanso, onyaa anigye wɔ adwuma a na ɔreyɛ no mu. Dɛn ntia? Ohuu hia a na ɛho hia sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde, na wannyae.—Yoh. 4:34; 13:17; Heb. 12:2.

3 Nya Adwempa wɔ Yɛn Som Adwuma no Ho: Sɛ yɛbɛyɛ saa a, ɛho hia sɛ yɛma nneɛma pii tra yɛn adwenem. Kae sɛ yɛwɔ nkrasɛm a nnipa dodow no ara ntie anaasɛ wɔsɔre tia. (Mat. 13:14, 15) Ɛwom sɛ atumfo no hyɛɛ asomafo no sɛ wɔnnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu bio de, nanso wɔkɔɔ so dii wɔn ahyɛde a na ese wɔnka asɛm no so, na nnipa kɔɔ so baa asafo no mu. (Aso. 5:28, 29; 6:7) Yenim dedaw sɛ nsasesin bi mu no, nnipa kakraa bi na wobetie. (Mat. 7:14) Enti, sɛ asasesin no mu onipa biako pɛ tie asɛm no a, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye. Kae nso sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn a wɔsɔre tia no nya hokwan a ɛbɛma wɔate asɛm no. (Hes. 33:8) Awiei koraa no, asɔretiafo no bi sakra bɛyɛ Yehowa asomfo. Ɛnde, sɛ yesusuw yɛn som adwuma no ho wɔ ɔkwan pa so a, ɛma yɛte nka sɛ yɛatumi ayɛ biribi, sɛ nnipa kakraa bi na wotie mpo a. Apon ano a yɛde Onyankopɔn Ahenni asɛm no kɔ ankasa no yɛ adansedi.—Hes. 2:4, 5.

4 Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yenya adwempa. Ɛsɛ sɛ nkɔso a wiase nyinaa adwuma no renya ne bɛn a ahohiahia kɛse no abɛn ho adanse a ɛredɔɔso no kanyan yɛn nyinaa ma yɛyɛ nea yebetumi biara de onyamesom pa som. (2 Pet. 3:11, 14) Nsi a yɛde bɛyɛ adwuma wɔ August mu no bɛyɛ ɔkwan pa a yɛbɛfa so akyerɛ anisɔ a yɛwɔ wɔ nea yɛasua no ho ne ɔkwan a ɛfata a yɛbɛfa so de ɔsom afe no aba awiei. Yɛpɛ sɛ wɔn a afei na wɔafi ase ne yɛn bɔ no nso da adwempa adi denam nea yɛrekyerɛkyerɛ wɔn no a wɔde bedi dwuma no so. Sɛ yɛn Bible asuafo no bi anya nkɔso adu baabi a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu a, August ɔsram no betumi ayɛ bere a eye kyɛn so a yɛbɛma wɔafi ase.

5 Sɛ́ ebia yɛresom sɛ adawurubɔfo anaa akwampaefo no, sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ nea Yehowa rebisa afi yɛn hɔ no nyɛ den a, ɛboa yɛn nyinaa. (1 Yoh. 5:3) Ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛwowaw yɛn. (Heb. 13:5b, 6) Wɔ ɔmanfo anibiannaso, anaa ɔsɔretia nyinaa akyi no, ɛsɛ sɛ yekura adwempa mu na yɛkɔ so ka asɛm no efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ saa.—1 Tim. 2: 3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena