Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a wɔkra. November: New World Translation of the Holy Scriptures ne nhoma The Bible—God’s Word or Man’s? December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. January: Yebetumi de nhoma a ekura nkratafa 416, 384 anaa 192 a ayɛ kɔkɔɔ biara a ebia yɛn asafo no wɔ bi ama de agye bo a wɔakyerɛ no anaa yɛde nhoma a ekura nkratafa 192 foforo biara bɛma de agye ne bo ankasa.
MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa ɔsram biara Literature Request Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi. Nhoma dedaw a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no bi wɔ Betel.
◼ Nea ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Theocratic Ministry School Schedule for 1995” no. Ɛsɛ sɛ mode sie na mode adi dwuma wɔ 1995 mu nyinaa.
◼ Afe yi, asafo dodow bi nsa anka Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa ne Yearbook efisɛ bere a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Yɛn Ahenni Som mu no, wɔankra bi. Wobenya Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no wɔ Engiresi, Ewe, French, Ga, ne Twi mu. Ɛyɛ nneɛma a wɔkra ma wɔn a wohia nkutoo. Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no hwɛ hu sɛ wɔde nkrataa a wɔde kra no amana ntɛm sɛnea wɔde ɛho nkaebɔ mae wɔ July, 1994 Yɛn Ahenni Som mu no.
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Asan Aba:
Engiresi: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So (ne ketewa). Ga: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. (Afei de ne ketewa aba.)
◼ Kasɛt Foforo a Ɛwɔ Hɔ:
Engiresi: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn (kasɛt 8 a ɛhyɛ album mu).