Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/95 kr. 1
  • Yɛwɔ Pii Yɛ Bere Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛwɔ Pii Yɛ Bere Nyinaa
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wunni Wo Ho Adagyew Koraa?
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • So Wubetumi Anya Anigye Bere A Wowɔ Pii Yɛ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Wunni Adagyew Wɔ Nnwuma Funu Yɛ Mu Anaa Wɔ Yehowa Som Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Afoforo Ho Anigye A Yɛbɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 1/95 kr. 1

Yɛwɔ Pii Yɛ Bere Nyinaa

1 Yehowa nkurɔfo yɛ nnipa a wonni adagyew. Yɛwɔ abusua, adwuma, ne sukuu asɛyɛde pii. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛwɔ “pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu.” (1 Kor. 15:58, NW) Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma dapɛn biara asafo nhyiam horow na yɛkɔ. Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmma dapɛn bi mmpa yɛn ti so a yɛnyɛ asɛnka adwuma no bi. Ɛsɛ sɛ yeyi bere a ɛfata si hɔ bere nyinaa de yɛ kokoam ne abusua Bible adesua. Mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ asafo dwumadi pii. Ɛtɔ da bi a wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmoa wɔn a wɔfata a ahia wɔn.

2 Ɛtɔ mmere bi a, ebia yɛn mu bi bɛte nka sɛ nnwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no abunkam yɛn so. Nanso, sɛ nnipa a wonni adagyew koraa no kari pɛ na wɔma wɔn ani da hɔ yiye a, wɔn nso betumi anya anigye kɛse.—Ɔsɛnk. 3:12, 13.

3 Ná ɔsomafo Paulo yɛ obi a ɔwɔ pii yɛ. Bere a na ɔyɛ adwuma sɛ ntamadan nwenefo de hwɛ ne ho no, ɔyɛɛ adwuma sen asomafo nkae no. Ɔyɛɛ adwumaden sɛ ɔsɛmpakafo, kaa asɛm wɔ baguam ne afie afie mu, bere a wammu n’ani angu n’asɛyɛde ahorow sɛ oguanhwɛfo no so. (Aso. 20:20, 21, 31, 34, 35) Ɛmfa ho sɛ na Paulo nni adagyew no, na ne ho pere no sɛ ɔbɛyɛ pii wɔ Yehowa som adwuma no mu bere nyinaa.—Fa toto Romafo 1:13-15 ho.

4 Paulo de ne ho too Yehowa so sɛ ɔnhyɛ no den, na ɛmaa no gyinaa pintinn nyaa koma mu anigye. Ohui sɛ na mfaso ne abotɔyam wɔ ne som adwuma no mu. (Fil. 4:13) Ná onim sɛ Onyankopɔn werɛ remfi n’adwuma. (Heb. 6:10) Afoforo a na ɔbɛboa wɔn ma wɔahu Yehowa ho anigye hyɛɛ no den. (1 Tes. 2:19, 20) Awerɛhyem a onyae sɛ ne nsa bɛka n’anidaso a egyina Bible so no kaa no ma ɔkɔɔ so yii mmɔdenbɔ adi.—Heb. 6:11.

5 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yesusuw adepa a efi yɛn adwumayɛ mu ba no ho nso. Dapɛn biara nhyiam horow a yɛkɔ ne emu kyɛfa a yenya no ma afoforo nya nkɔso na ɛhyɛ wɔn nkuran. (Heb. 10:24, 25) Mmɔden kɛse a yɛbɔ sɛ yɛde asɛmpa no bedu nnipa nyinaa nkyɛn no boa ma asafo no nya nkɔso bere a yenya anigyefo ma wɔbɛka yɛn ho no. (Yoh. 15:8) Afoforo a ahia wɔn a yɛboa wɔn no ma yɛyɛ biako te sɛ abusua wɔ asafo no mu. (Yak. 1:27) Afei nso, te sɛ Paulo no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ nnwuma a mfaso wɔ so a yɛde yɛn ho hyem a adagyew nnim koraa no sɔ Yehowa Nyankopɔn ani yiye. Yebu ɔsom a yɛde ma no no sɛ hokwan kɛse a yɛanya. Wɔ yɛn fam de, asetra biara nni hɔ a ɛkyɛn ɛno!

6 Pii a yɛwɔ yɛ no so wɔ mfaso foforo. Sɛ yɛredi honhom fam nneɛma a ɛfata ho dwuma a adagyew nnim a, ɛyɛ te sɛ nea bere kɔ ntɛmntɛm. Bere a yenim sɛ da koro biara a etwam no de yɛn bɛn wiase foforo no, yegye asetra a adagyew nnim a yɛwom seesei no tom anigye so. Yenim nyansa a ɛwom nso sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wonni adagyew, efisɛ ɛno mma yennya bere pii na yɛde yɛn ho ahyehyɛ wiase nneɛma funu mu.—Efe. 5:15, 16.

7 Nokwarem no, yɛwɔ pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu. Nanso sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a wɔma yɛn som adwuma yɛ nea abotɔyam wom na mfaso wɔ so no so a, yebetumi akɔ so anya anigye.—Mat. 11:28-30; 1 Yoh. 5:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena