Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/95 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 2/95 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma February: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. San kɔ wɔn a woma wɔn bi no hɔ. March: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! April ne May: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan!.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu bi sɛ obenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ fi ne hɔ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma ebinom boa no. Eyi betumi aboa akwampaefo a anka wobegyae adwuma no ma wɔatumi anya nea afe no mu no wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ no. Sɛ mopɛ ho nyansahyɛ a, monhwɛ Asafo ti no nkrataa (S-201) a wɔkyerɛw no October 1, 1993, ne November 2, 1992 no mu. Afei nso, monhwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som no mu, nkyekyem 12-20.

◼ Sɛ wɔrebɛpɔn asafo nhyiam ne ɔmansin nhyiam horow a wɔbɛyɛ no April 23, 1995 a, wɔde bɛto gua sɛ yɛrebefi adwuma titiriw bi ase denam kratawa bi a ekura nkratafa anan a emu nsɛm yɛ ne bere mu de a yɛbɛkyekyɛ no bebree so. Wɔbɛhyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ani nsi nnipa komapafo a wɔde anibere susuw ɔhaw akɛse a ɛto wɔn no ho, na wɔhwehwɛ akwankyerɛ a edi mu no so titiriw. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara, a wɔn a wobefi asɛnka adwuma ase wɔ March, April ne May mu no ka ho, de wɔn ho hyɛ ɔsatu titiriw yi mu boa kosi ase.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ March, April, ne May mu no yɛ wɔn nhyehyɛe saa bere yi na wɔde wɔn abisade nkrataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ nhyehyɛe a ɛho hia ama asɛnka, anya nhoma a ɛsɛ.

◼ Wɔremmue Betel Dwoda, March 6. Wɔrenyɛ adwuma.

◼ Yɛhyɛ Twi asafo ahorow nkuran sɛ, sɛ wɔreto nnwom wɔ nhyiam horow ase a, wɔmfa Twi nnwom nhoma no nni dwuma. Saa nnwom nhoma yi bi wɔ baa dwumadibea.

◼ October 1, 1994, Cost List no kyerɛɛ nsɛmma nhoma a ɛwɔ kasɛt so a ɛba ɔsram fã biara a wɔnam wimhyɛn so de mena no bo. Kasɛt a wɔde mena a wɔmfa mfa wimhyɛn (surface mail) no bo yɛ: Ɔkwampaefo—₵50,000.00; Onifuraefo—₵12,000.00; Ɔdawurubɔfo ne Nnipa Afoforo—₵56,000.00. Yɛsrɛ sɛ monkyerɛw atifi hɔ bo ahorow no ngu mo Cost List no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena