Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/95 kr. 7
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 4/95 kr. 7

Asemmisa Afã

◼ Wobɛkɔ “Nkaedi apontow” ase?

Nkaedi yɛ anigye bere kɛse ma nokware Kristofo! Dɛn ntia? Esi dwuma titiriw a Kristo wu no dii wɔ Yehowa atirimpɔw mu—de tew Yehowa Nyankopɔn din ho sɛ Ɔbɔadeɛ ne Amansan Hene, na ɔde agyede a ɛyɛ pɛ a adesamma hia mae—no so dua. (Yoh. 3:16; Gen. 1:28) Yesu ne n’akyidifo 11 no yɛɛ anigye yi a yɛbɛda no adi ho nhwɛso pa.—Mat. 26:30.

Ɛdenam nhwɛso yi akyi a Kristofo pii di so no, wodwennwen hia a saa afahyɛ soronko yi ho hia ho anwummere no wɔ Nkaedi no akyi. Afoforo ne mfɛfo Kristofo hyiam tow Ahenni nnwom, na wɔka osuahu ahorow a ɛma denhyɛ.

Nkaedi no a wodi no saa kwan yi so no ne wiase nyamesom afahyɛ ahorow te sɛ Buronya bɔ abira koraa—apontow akɛse ne asaw na edi asɔre kɔ no akyi. Sɛ wɔamfa eyinom anka ho a, wɔn a wodi afahyɛ no bebu sɛ enni mu na ɛnyɛ anigye. Saa na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo bu Nkaedi afahyɛ no? Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔ asafo ahorow bi mu no, anuanom kɔ “apontow” a mmosa wɔ ase ase wɔ Nkaedi no akyi na wɔbɔ wiasefo nnwom saw kodu ɔdasu mu. Wɔ apontow a ɛte saa biako ase no, adawurubɔfo baanu de wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu bere a na wɔanom mmosa kɛse akyi no. Hwɛ awerɛhow ara a ɛyɛ!—Fa toto Exodus 32:5, 6, 17-19; Asomafo no Nnwuma 7:41-43 ho.

Apontow a mmosa bu so wɔ ase na wɔbɔ wiasefo nnwom denneenen saw kɛse wɔ ase no yɛ wiasefo apontow, ɛmfa ho edin biara a obu wom a ebinom de bɛma no no. Nokware Kristofo anya anigyede ntraso a ɛtete saa mu kyɛfa bere a na wonnim Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ho hwee no. Wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ apontow bi a nneyɛe a ɛtete saa wɔ ase mu anaasɛ nea ɛne no di nsɛ mpo. (1 Pet. 4:3; Yes. 5:11, 12) Obi bɛyɛ dɛn atumi asusuw Yehowa dwumadi akɛse ho (wɔ Nkaedi no akyi) na wadidi anom nsa pii abɔ wiasefo nnwom bere koro no ara mu?

Ɛwom sɛ apontow ase a obi bɛkɔ no yɛ ankorankoro gyinaesi de, nanso ehia sɛ Yehowa nkoa kɔ so ma wɔn ani da hɔ wɔ honhom fam, na wɔpow wiase nneyɛe nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔn nneyɛe wɔ Nkaedi anadwo no ne ɛno akyi hyɛ anigye Nyankopɔn Yehowa no anuonyam, na ɛka wɔn a wohu no ma wɔka sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.”—1 Kor. 14:25; Ɔsɛnk. 3:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena