Ɔmantam Nhyiam De Nsato A Ɛka Koma To Gua!—Fa Anigye Yi Yehowa Ayɛ Da Biara!
1 Ɔsomafo Paulo bisae sɛ: “Sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔsa?” (1 Kor. 14:8) Nsato a wɔde too gua wɔ “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam no ase gyigyee denneennen a na emu da hɔ? Yiw, ɛte saa. ‘Fa anigye yi Yehowa ayɛ da biara’ ne asɛm a ɛkanyan nnipa a wɔkɔe no! Adwuma a wɔtoo nsa frɛɛ wo sɛ yɛ bi yi kaa wo koma? Na ntease a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ yeyi mmeresanten Hene Yehowa ayɛ bere nyinaa abu so wɔ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu.—Dw. 35:27, 28.
2 Ɔsoro a ɛkanyan ehu no ka Yehowa anuonyam kyerɛ “da biara da.” (Dw. 19:1-3, NW) Sɛ abɔde a nkwa nnim a enni ɛnne yi Yehowa ayɛ bere nyinaa a, ɛnsɛ sɛ ɛkanyan yɛn nnipa a yɛwɔ nyansa no ma yɛde yɛn nne yi no ayɛ bere nyinaa wɔ ne su horow a ebiara ne no nsɛ ne nea otumi yɛ ho? Hena na ɔfata yɛn ayeyi a ɛyɛ anigye no sen yɛn Bɔfo nuonyamfo no?—Dw. 145:3, 7.
3 Da Biara Da: Odwontofo a wɔde honhom kaa no no kyerɛwee sɛ: “Monka ne nkwagye da biara da. Na Awurade yɛ kɛse, na ɔsɛ ayeyi sɛ.” (Dw. 96:2, 4) Eyi fa akwampaefo nkutoo ho? Dabida! Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ka Yehowa ho asɛm kyerɛ afoforo bere biara ne baabiara a yebetumi, nna mpo a yɛnyɛ afie afie som adwuma no anaa? Yiw! Hia a ɛho hia sɛ yeyi Yehowa ayɛ da biara na yɛka ɔkwan a ɔnam so gye nkwa no ho asɛm kyerɛ afoforo no gye ntɛmpɛ. Ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ Yehowa yɛ Mmeresanten Hene a Ɔde wiase tumidi ama Ne Ba Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nnipa no bɛma yɛakɔ so aka asɛm yi ne ne nsiesiei ma nkwagye ho asɛm wɔ baabiara a yebetumi ahu nnipa.—Dw. 71:15.
4 Wɔ Yesu Kristo asase so som adwuma mu no, ɔyɛɛ nhwɛso pa a ɛsen biara da biara da sɛ obi a oyii Yehowa ayɛ pefee. Ɔkae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ.” (Mat. 11:25) Baabiara a Yesu kɔe no, oyii Yehowa ayɛ wɔ baguam sɛnea ɔkae no. Oyii Yehowa ayɛ wɔ baabiara a nnipadɔm boaboaa wɔn ho ano—sɛ ebia wɔwɔ hyia adan mu, asɔrefi wɔ Yerusalem, bepɔw so, anaasɛ mpoano. Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ denam Yehowa a yɛbɛkamfo no daa so wɔ baguam a, nea ebefi mu aba no bɛma yɛn ani agye.
5 Nsa a Wɔto Frɛ Wo a Wubegye So: Wubegye nsa a wɔto frɛ wo sɛ yi Yehowa ayɛ baguam da biara no so? Kae, mfe a woadi nyɛ akwanside. Dwom 148:12 to nsa frɛ mmerante, mmaabun, nkwakoraa, ne mmarimaa sɛ wonyi Yehowa ayɛ. Mmofra, mubeyi Yehowa ayɛ wɔ mo mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo mu wɔ afe yi mu? Mpanyimfo, wɔn a mo ne wɔn yɛ adwuma wɔ mo adwumam no rete Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm, bere a munya bere a ɛfata bom bɔ nkɔmmɔ no? Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma Yehowa ho asɛm a yɛka no yɛ yɛn asetra fã titiriw te sɛ home ne adidi. Sɛ nnipa a wɔyɛ anibiannaso ntie nea yɛka mpo a, Obi wɔ hɔ a otie, na obetua yɛn ka.—Mal. 3:16.
6 Bere a nhyehyɛe no awiei bɛn no, wɔto nsa frɛ nnipa a wɔwɔ wiase afanan nyinaa sɛ: “Munyi Awurade ayɛ!” (Dw. 106:1) Ɛmmra sɛ yɛn ayeyi nteɛm no ano bɛkɔ so ayɛ den bere biara na ama obiara ahu sɛ Nea ne din de Yehowa no ne Ɔsorosoroni asase nyinaa so.—Dw. 83:18.