Nhyira Akɛse a Wonya Fi Teokrase Nhyiam Horow Mu
1 Bere biara a Yehowa ne nkurɔfo di nsɛm no, ɔkyerɛkyerɛ wɔn na ɔma wohyiam daa wɔ ɔsom mu biakoyɛ mu. Mpaebɔ ne nsusuwho a wɔyɛ wɔ saa mmere yi mu no ma wonya honhom fam nhyira pii. Ama wɔanya N’atirimpɔw ahorow ho ntease kɛse, na eyi kanyan wɔn ma wɔde ɔsom kronn ma no.
2 Sɛ wobenya nhyira horow a Onyankopɔn teokrase ahyehyɛde no de ma no a, ɛsɛ sɛ ankorankoro ne mmusua di akwanside ahorow so na ama wɔakɔ nhyiam a ɛtete saa no bi. Hebri Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ na atamfo atwa Yudafo no ho ahyia, na na ɛsɛ sɛ wɔko bere nyinaa de kura wɔn ahofadi mu. Ná Filistifo, Siriafo ne aman foforo no nyinaa ani bere Palestina asase no. (Ex. 34:24) Wɔ saa ahunahuna yi nyinaa akyi no, Israelfo awofo pii buu bo a saa nhyiam horow yi som no kɛse araa ma wɔne wɔn mma kɔɔ Yerusalem bere nyinaa. Yɛ mmɔdenbɔ a na egye na wɔatu ɔkwan, a mpɛn pii no na wɔnantew, no biara ho mfonini! Nanso hwɛ anigye ara a na akwantu no yɛ ma mmusua, na hwɛ sɛnea ɛkaa saa mmofra no adwenem daa!
3 Wɔ Mose Mmara no ase no, na wɔhwehwɛ sɛ obusuani biara bɛkɔ Yerusalem mmere bi. (Ex. 23:14-17; Deut. 31:10-13; Luka 2:41-50) Ná ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima biara a ne ho tew nanso onni Twam afahyɛ no. (Num. 9:9-14) Hwɛ sɛnea Yehowa bu honhom fam nhyiam a obi nkɔ no aniberesɛm!
4 Tete Kristofo Nhyiam Horow: Yesu Kristo de yɛɛ ne su sɛ ɔne nnipakuw behyiam asom Yehowa. (Mat. 5:1–7:29) Ɛwom sɛ na eyi nte sɛ nhyiam a wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe de, nanso ɛtɔ mmere bi a, na ɛkyɛ ma ɛho behia sɛ ɔma nnipakuw a wɔahyiam no aduan, tebea a Yesu nam aduan pii a ɔde mae wɔ anwonwakwan so dii ho dwuma. (Mat. 14:14-21; 15:29-38) Kristo boaa n’asuafo no ano mpɛn pii maa wɔn honhom fam nkyerɛkyerɛ ansa na ɔresoma wɔn akɔka Ahenni no ho asɛm.
5 Wɔ ne wu akyi no, n’akyidifo kɔɔ so hyiaam, te sɛ nea wɔyɛe wɔ Pentekoste 33 Y.B. no. (Aso. 2:1-4) Ɛtɔ mmere bi a, na “nkurɔfo bebree” behyiam wɔ wɔn nhyiam no ase. (Aso. 11:26) Wɔ Yesu wusɔre akyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo bɛyɛ 500 nhyiam a ɛyɛ anigye biako ase wɔ Galilea, na ɔde akwankyerɛ a ɛho hia maa wɔn.—1 Kor. 15:6; Mat. 28:19, 20.
6 Nnɛyi Nhyiam Horow: Sɛnea Yehowa yɛɛ nsiesiei maa ne nkurɔfo wɔ tete mmere mu sɛ wonni afahyɛ ahorow na wonhyiam wɔ nhyiam kronkron a ɛma wonyaa honhom fam nhyira pii ase no, saa ara na ɔyɛ ma ne nkurɔfo nnɛ. Ahiade koro no ara na ɛwɔ hɔ sɛ Kristofo behyiam wɔ nhyiam a ɛyɛ anigye na ɛma denhyɛ ase. Mprɛnsa wɔ afe biara mu no, Yehowa Adansefo Sodikuw no siesie dwumadi a ɛma honhom mu denhyɛ ma ɔmansin nhyiam, da koro nhyiam titiriw, ne ɔmantam nhyiam na wɔhwɛ ne yɛ so.
7 Nnɛyi, Yehowa nkurɔfo kyerɛ hokwan ahorow yi a ɛma wonya fekubɔ a ɛhyɛ wɔn den no ho anisɔ kɛse. Wɔmma wɔn nsɛnnennen nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛkɔ bi. Mmom, wɔde anigye kɔ, na wɔma afoforofo akwaaba ba wɔn ntam. (1973 Yearbook, nkr. 165 nky. 9 kosi nkr. 166 nky. 2) Eyi fata nkamfo ankasa!
8 Nanso, Asafo ti no kɔ so nya amanneɛbɔ sɛ anuanom bi de ayɛ wɔn su sɛ wɔrenkɔ nhyiam akɛse yi. Asafo ahorow bi tu wɔn mu kakraa bi sɛ wonkosi wɔn ananmu, na mmusua ti bi gyaw wɔn mmusua hɔ kɔ. Wɔ tebea ahorow bi mu no, mpanyimfo no mu biara nkɔ koraa. Woka wɔn a wokura saa su yi ho? Sɛ saa a, sikasɛm ne wo haw? Yehowa hyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ wonsie sika mma wɔn afe afe afahyɛ ahorow no. (Deut. 14:22-27) Ɛnnɛ, Adansefo pii nam wɔn akwamma bere ho nhyehyɛe a wɔyɛ ne sika a wosie sɛnea ɛbɛyɛ a abusua no nyinaa betumi akɔ nhyiam horow no so di saa nnyinasosɛm yi akyi. Wɔ ɔkwan foforo so no, wubetumi aboa onua bi a ohia mmoa ma wakɔ bi denam akwantu anaa aduan ho ka a wobɛboa ma watua so?—Gal. 6:10.
9 Ebinom nkɔ nhyiam esiane anisɔ a wɔnkyerɛ wɔ nsiesiei pa a ɛte saa yi ho nti. Ɔsomafo Paulo huu hia a ehia sɛ ɔde saa nsɛm yi ka n’afotu a ɛfa nhyiamkɔ ho no ho: “Dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Heb. 10:25) Esiane sɛ Satan amia ne ntua a ɔde ba Yehowa nkurɔfo so mu nti, momma yenni akwanside biara so nnya Yehowa honhom fam nsiesiei mu kyɛfa wɔ teokrase nhyiam biara ase nkosi ase.—Adi. 12:7-17; 2 Pet. 3:7; Dw. 133:1, 3.