Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/96 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1996
Yɛn Ahenni Som—1996
km 2/96 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma February: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. April ne May: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma no bi mfa wɔn daa ɔsram “Literature Request Form” (S-14) a edi hɔ no nkra bi.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu bi sɛ obenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ fi ne hɔ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe boa no. Monhwɛ nsɛm a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu, nkyekyem 12-20.

◼ Yebedi Nkaedi afahyɛ no Benada, April 2, 1996. Ɛwom sɛ ɔkasa no betumi afi ase ntɛm kakra de, nanso monkae sɛ ɛnkosi sɛ owia bɛkɔ akɔtɔ no, ɛnsɛ sɛ wofi ase de Nkaedi abodoo ne bobesa no fa nnipa no anim. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nhyiam biara saa da no, gye asɛnka nhyiam. Sɛ mo asafo no yɛ nhyiam bi Benada a, mubetumi de ahyɛ dapɛn no mu da foforo.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ March, April ne May mu no yɛ wɔn nhyehyɛe saa bere yi na wɔde wɔn akwammisa nkrataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ nhyehyɛe a ɛho hia ama asɛnka, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma foforo a ɛsɛ.

◼ Wɔremmue Betel Wukuda, March 6, 1996. Wɔrenyɛ adwuma saa da no, enti mummmebisa biribi anaasɛ monnyɛ nsrahwɛ biara ho nhyehyɛe.

◼ Wɔhyɛ asafo ahorow nkuran sɛ womfi ase nyɛ nhyehyɛe mpɛ Nkaedi bobesa no.—Monhwɛ February 15, 1985 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 19, na munhu nea ɛfata ma Nkaedi afahyɛ no.

◼ Efi March no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Nokware Asafo a Ɛwɔ Kristo Akanni Ase.”

◼ Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:

Engiresi: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu; Yehowa Adansefo ne Nhomasua; Ahenni Nnwom Adaka (nea hwee nhyem a ɛfa kasɛt 8). Ewe: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu; Yehowa Adansefo ne Nhomasua. Ga: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu; Yehowa Adansefo ne Nhomasua. Twi: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu; Yehowa Adansefo ne Nhomasua.

◼ Nhoma Ahorow a Ebi Aba Bio:

Arabic: How To Find the Road to Paradise (kratawa). Engiresi: Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No; Ɔwɛn-Aban Bound Volume Ahorow—1960 kosi 1980; “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”; Learn to Read and Write. Ewe: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!

◼ Esiane sɛ kyerɛwtohɔ ahorow a ɛka akyi ho haw no kɔ so ara nti, yɛrekae asafo ahorow no bio sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔmfa wɔn ɔsram biara asɛnka ho kyerɛwtohɔ mmena ɔsram biara da a ɛto so asia sɛnea ɛbɛyɛ a akyɛ koraa no, ebedu baa dwumadibea ɔsram no da a ɛto so 13. Yɛsrɛ mo adawurubɔfo ne akwampaefo nyinaa sɛ mommoa denam mo asɛnka kyerɛwtohɔ a mode bɛkɔ ntɛm wɔ ɔsram biara awiei so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena