Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/96 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1996
Yɛn Ahenni Som—1996
km 11/96 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden soronko akɔsra wɔn a yɛmaa wɔn bi no nyinaa, a adwene no ne sɛ yebefi ofie Bible adesua ahorow ase. December: Yɛde The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no bɛka New World Translation ho ama. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1984 reba a ebia mo asafo no wɔ. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Survival Into a New Earth ama. February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? anaasɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! Wubetumi nso de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a ebi wɔ mo asafo no mu adi dwuma.

◼ Asafo ahorow a wɔda so ara wɔ Ahenni Asɛm a Ɛto so 34 no betumi ahyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa eyinom mma te sɛ nea wɔde nkratawa foforo ma no ara, wɔ afie afie anaasɛ mmeae foforo. Sɛ hokwan wɔ hɔ a, adawurubɔfo betumi agyaw biako wɔ fie biara a wɔanto nnipa wom no mu, bere a wɔhwɛ hu sɛ wɔde ahyɛ baabi a obi a ɔretwam ntumi nhu koraa. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kyekyɛ saa asɛm a ɛsom bo yi nkae nyinaa.

◼ Yɛanya amanneɛbɔ ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ Sing Praises to Jehovah no compact disc ahorow no bi mmɔ yiye. Mpɛn pii no, CD no so dwom biako anaa abien a edi akyiri no nkutoo na ɛyɛ saa, a dwom no bɔ fa so anaasɛ ɛmmɔ koraa. Gyama nea ɛde ɔhaw no ba ne sɛ efĩ boa ano wɔ disc no ase baabi a ɛbɛn ano no. Sɛ efĩ no nnɔɔso a, wobetumi de nsu a emu tew ahohoro so. Sɛ efĩ no ankɔ a, wobetumi de nsuɔhyew a samena kakra wom ahohoro disc no so. Hwɛ yiye na disc no so antwitwiw. Pete nsu a ɛwɔ disc no so no na ma mframa mfa so ma ɛnwo. Mfa aduru anaa krataa a wɔde popa nneɛma ho mpopa disc no so. Hwɛ akwankyerɛ a ɛne “How to Care For Your Compact Discs” a ɛwɔ dwumadi nhyehyɛe a wɔatintim de aka Sing Praises to Jehovah—On Compact Disc ho no.

◼ Nhoma Ahorow a Ebi Aba Bio:

Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa (ne nketewa)—Engiresi, Twi

New World Translation of the Holy Scriptures—Ɛhɔ-ne-hɔ (bi12)

◼ Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:

Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So (Egyina Reasoning nhoma no nkratafa 9-24 so.)—Ewe, Ga, Twi

◼ Video Kasɛt a Ebi Aba Bio:

Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name—Engiresi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena