Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1984 reba a ebia asafo no wɔ. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi betumi de Survival Into a New Earth ama. February: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! March: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. April: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan!
◼ Wɔbɛma adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔba Ɔsom Nhyiam ase wɔ January 13 dapɛn no mu nyinaa “Advance Medical Directive/Release” krataa no bi, na wɔama wɔn “Identity Card” ma wɔde ama wɔn mma.
◼ Efi March rekɔ no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Fa Nhomasua Yi Yehowa Ayɛ.”
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata de di afe yi Nkaedi no Kwasida, March 23, bere a owia akɔtɔ. Ɛwom sɛ wobetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde Nkaedi bobesa ne abodoo no fa nnipa anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Esiane sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nhyiam biara saa da no ka asɛnka nhyiam ho nti, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae a ɛfata na wɔayɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no bere foforo. Ɛho behia sɛ amansin so ahwɛfo yɛ nsakrae wɔ bere a wɔde bɛyɛ nhyiam horow saa dapɛn no mu ma ɛne asafo no nsɛm tebea hyia. Sɛ wopɛ nsɛm foforo a, hwɛ January 1996 Yɛn Ahenni Som no “Nkaebɔ Ahorow” afã hɔ.
◼ Wɔbɛma 1997 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no Kwasida, April 6. Wɔde krataa a wɔbɛhwɛ so ama bɛma. Asafo ahorow a wɔn mansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn anaa wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 6 adu.