Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! March: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. April ne May: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan!
◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo susuw daa akwampaefo nyinaa dwumadi ho. Sɛ wɔn mu bi rehyia nnɔnhwerew ahwehwɛde no ho asɛnnennen bi a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhyehyɛe boa wɔn. Sɛ mopɛ nyansahyɛ ahorow a, monhwɛ Asafo ti no nkrataa (S-201) a ɛbae wɔ October 1, 1993, ne November 2, 1992 no mu. Monhwɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som krataa a ɛhyem no nkyekyem 12-20 nso.
◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ March, April, ne May mu no yɛ wɔn nhyehyɛe seesei, na wɔde wɔn akwammisa nkrataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe a ɛho hia, na wɔagye nsɛmma nhoma ne nhoma foforo a ɛfata. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene wɔn so sɛ wɔnyɛ akwampaefo aboafo no nyinaa din kyerɛ asafo no.
◼ Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no hu sɛ ehia sɛ wɔyɛ nsakrae ahorow a edidi so yi bere a asafo no kɔ nhyiam nketewa no: Sɛ wɔyɛ da koro nhyiam titiriw a, ɛsɛ sɛ asafo no yɛ dapɛn no mu asafo nhyiam ahorow no, gye Baguam Ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua. Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ ɔmansin nhyiam a, asafo no renyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam nso; gye Asafo Nhoma Adesua nkutoo na wɔbɛyɛ saa dapɛn no.
◼ Wɔremmue Betel Yawda March 6, 1997. Wɔrenyɛ adwuma biara saa da no, enti yɛsrɛ sɛ monnkɔ hɔ, na monnyɛ ɛhɔ nsrahwɛ ho nhyehyɛe biara.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:
Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba—Engiresi, Ewe, Ga, Twi