Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/97 kr. 7
  • Asɛmmisa afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa afã
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woasiesie Wo Ho Ama Asiane?
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Atoyerɛnkyɛm Bi Si a, Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Boa Afoforo Ma Wɔntumi Nnyina Mmere Bɔne Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 2/97 kr. 7

Asɛmmisa afã

◼ Sɛ asiane bi si na sɛ ɛka yɛn nuanom tẽẽ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Sɛ Asiane Bi Si Wo Mpɔtam a: Mmɔ hu. Yɛ komm, na fa w’adwene si ade a ɛsom bo ankasa so—nkwa, ɛnyɛ ahonyade. Di w’abusua honam fam ahiade a egye ntɛmpɛ no ho dwuma. Afei ma mpanyimfo nte mo tebea ne baabi a mowɔ saa bere no.

Mpanyimfo ne asomfo no di dwuma titiriw wɔ mmoa a wɔde ma no mu. Sɛ wodi kan de kɔkɔbɔ bi ma sɛ asiane bi rebesi, te sɛ ahum bi a ano yɛ den a, ɛsɛ sɛ saa anuanom yi hwɛ hu sɛ obiara wɔ beae pa, na sɛ wobenya kwan a, ɛsɛ sɛ wokogye nneɛma a wobehia na wɔkyekyɛ.

Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo hwehwɛ abusua biara hwɛ hu sɛnea wɔn ho te. Ɛsɛ sɛ wɔka tebea a abusua no wom ho asɛm kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa ɔpanyin foforo biara, sɛ wɔn nyinaa ho ye mpo a. Sɛ obi apira a, mpanyimfo no bɛbɔ mmɔden ayɛ aduruyɛ ho nhyehyɛe. Wɔbɛhwɛ nso de honam fam nneɛma te sɛ, aduan, ntade, dabere, anaa ofie mu nneɛma a ɛho hia ama. (Yoh. 13:35; Gal. 6:10) Ɛhɔnom asafo mu mpanyimfo no de honhom ne nkate fam mmoa bɛma asafo no na wɔayɛ nhyehyɛe ntɛm sɛnea wobetumi afi asafo nhyiam ahorow ase. Bere a wɔayɛ nhwehwɛmu awie koraa no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin bi gyina mpanyimfo kuw no ananmu kohu ɔmansin sohwɛfo no, ka nnipa a wopirae, Ahenni Asa anaa anuanom afie a asɛe, ne afei ahiade titiriw biara ho asɛm kyerɛ no. Ɔmansin sohwɛfo no nso de tebea no ho amanneɛbɔ bɛma baa dwumadibea no wɔ telefon so. Baa dwumadibea no bɛhwɛ ayɛ nhyehyɛe de mmoa pii a ɛho hia ama.

Sɛ Asiane Si Baabi Foforo a: Kae anuanom mmarima ne mmea no wɔ wo mpaebɔ mu. (2 Kor. 1:8-11) Sɛ wopɛ sɛ woyɛ sika fam mmoa a, wubetumi de wo ntoboa amena Asafo ti no baa dwumadibea wɔ baabi a wɔwɔ mmoa ho foto ma saa atirimpɔw yi no. Address no ne: Watch Tower, P. O. Box 760, Accra. (Aso. 2:44, 45; 1 Kor. 16:1-3; 2 Kor. 9:5-7; hwɛ December 1, 1985, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 20-2.) Mfa nneɛma nkɔ beae a asiane asi hɔ no gye sɛ anuanom a wɔredi nsɛm ho dwuma no hyɛ da kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. Eyi bɛma mmoa ho nhyehyɛe no akɔ so pɛpɛɛpɛ na wɔakyekyɛ nneɛma no wɔ ɔkwan a ɛfata so. (1 Kor. 14:40) Yɛsrɛ sɛ, mfrɛ Asafo ti no wɔ telefon so basabasa, efisɛ eyi betumi ama nneɛma akyere so wɔ telefon a wohia de atie nsɛm a efi beae a asiane asi hɔ reba na ama wɔadi ho dwuma no so.

Bere a wɔayɛ nhwehwɛmu a edi mũ awie no, Asafo ti no bɛhwɛ sɛ ebia wɔbɛtew mmoa boayikuw anaa. Wɔbɛbɔ anuanom a wɔredi nsɛm ho dwuma no amanneɛ. Ɛsɛ sɛ obiara ne mpanyimfo a wɔredi anim no yɛ biako sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi ahiade atitiriw a anuanom nyinaa wɔ no ho dwuma ɔkwampa so.—Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no nkratafa 310-15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena