Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/97 kr. 1
  • Di Yesu Akyi Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di Yesu Akyi Daa
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom a Yɛde Bɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yɛnte Ase Mma Yɛn Ho Bio
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nya Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 5/97 kr. 1

Di Yesu Akyi Daa

1 Bere bi Yesu kae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛndua, na onni m’akyi daa.” (Mat. 16:24, NW) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛde Yesu nsɛm yi di dwuma. Momma yɛnhwehwɛ nea nsɛm a ɔde reto nsa afrɛ yɛn no mu biara kyerɛ mu.

2 “Ma Ɔmpa Ne Ho Akyi”: Sɛ yehyira yɛn nkwa so ma Yehowa a, yɛpa yɛn ho akyi. Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “pa ho akyi” no kyerɛ titiriw ne “sɛ wobɛka sɛ dabi.” Ɛno kyerɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu de yɛn ankasa botae horow, nea yɛpɛ, yɛn ahotɔ, ne yɛn pɛsɛmenkominya akɔnnɔ bɛbɔ afɔre—bere a yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani daa nyinaa no.—Rom. 14:8; 15:3.

3 “Ɔmfa N’asɛndua”: Kristoni asetra yɛ asetra a wɔsoa asɛndua wɔ ɔsom a wɔde ma Yehowa a wɔde nneɛma bɔ afɔre wom mu. Ɔkwan biako a yɛde bɛda yɛn ho a yɛde bɔ afɔre honhom adi ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɛde bedu saa bere yi wɔ afe yi mu no, adawurubɔfo pii anya akwampae boafo adwuma no mu kyɛfa. Ebia woka wɔn ho, na wubetumi de ahotoso aka sɛ nhyira horow a wunya no dɔɔso sen nneɛma a wode bɔ afɔre no. Wɔn a wontumi nsom sɛ akwampaefo aboafo no ayɛ nhyehyɛe mpɛn pii de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no sɛ asafo mu adawurubɔfo. Ne saa nti, asafo horow no bi atwe bere a wɔde yɛ asɛnka nhyiam no aba anim kakra asen sɛnea anka wɔyɛ no bere bi a atwam no. Adawurubɔfo pii ani gye ho sɛ wɔde bere pii bɛyɛ asɛnka adwuma no. Mfaso kɛse nso afi mu aba, bere a ebinom si gyinae sɛ wɔbɛkɔ ‘ofie biako pɛ mu aka ho’ anaasɛ ‘wɔbɛyɛ adwuma simma kakraa bi aka ho’ no.

4 Ɔkwan foforo a wɔnam so da ho a wɔde bɔ afɔre honhom adi ne botae horow a ankorankoro de besisi wɔn anim. Ɛdenam nhyehyɛe a ebinom tɔ wɔn bo ase yɛ ne bere nhyehyɛe mu nsakrae a wɔyɛ nti, wɔatumi abɛyɛ daa akwampaefo. Afoforo atumi atoto wɔn nneɛma ama wɔatumi de wɔn ho ama Betel som anaa akwampae titiriw adwuma. Ebinom atu akɔtra mmeae a Ahenni adawurubɔfo ho hia kɛse.

5 “Onni M’akyi Daa”: Ɛwom sɛ Yesu asuafo no hyiaa sɔhwɛ pii de, nanso nsi ne boasetɔ a ɔde yɛɛ ɔsom adwuma no hyɛɛ wɔn nkuran. (Yoh. 4:34) Wɔn nkyɛn a na ɔwɔ, ne n’asɛm no, ma wɔtee nka sɛ wɔayɛ den wɔ honhom mu. Enti na wɔn a wodii n’akyi no daa nokware anigye adi no. (Mat. 11:29) Enti yɛn nso, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran na yɛntɔ yɛn bo ase wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma titiriw no mu.

6 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa de Yesu nsato a ɛne sɛ yenni n’akyi daa no bedi dwuma denam ho a wɔde bɔ afɔre honhom a yebenya so. Bere a yɛyɛ saa no, yebenya anigye kɛse mprempren, na yebetumi ahwɛ nhyira a ɛsen saa mpo kwan daakye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena