Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/97 kr. 3-6
  • Wubu Mo Ahenni Asa No Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubu Mo Ahenni Asa No Dɛn?
  • Yɛn Ahenni Som—1997
Yɛn Ahenni Som—1997
km 5/97 kr. 3-6

Wubu Mo Ahenni Asa No Dɛn?

1 Te sɛ asase a ɛso akyen so asuasu no, Ahenni Asa a ɛwɔ mpɔtam biara di dwuma sɛ baabi a wonya honhom fam ahotɔ. Saa dan yi mu na nnipa horow nyinaa ba besua Yehowa ho ade. Wobu “ofie” yi sɛ nea wɔahyira so koraa ama yɛn Nyankopɔn Yehowa som.

2 So saa na w’ankasa wubu Ahenni Asa no? So wohwɛ asafo nhyiam ahorow kwan, sɛ wo ne anuanom mmarima ne mmea bɛbɔ fekuw wɔ hɔ, na woaboa nnwuma a ɛkɔ so wɔ hɔ no?

3 Kyɛfa a Wubenya Wɔ Ahenni Asa no Hwɛ Mu: Esiane sɛ wodi dwuma wɔ Ahenni Asa no so mpɛn pii dapɛn biara nti, ɛda adi sɛ ɛho behia sɛ wodi hɔ ni na wosiesie. So w’ani sɔ hokwan a wowɔ sɛ wobɛboa ma ɛhɔ atew no? Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe siesie Ahenni Asa no so bere biara, a egyina dwuma a wɔde di ne sɛnea ɛho hia so. Obiara betumi anya mu kyɛfa, a mmofra mpo ka ho. Saa kwan yi so no, obiara behu asɛyɛde a ɛwɔ Ahenni Asa no siesie ho no, na wanya ho anisɔ kɛse. Hwɛ fɛ a ɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ Ahenni Asa a ɛso tew so, na yɛato nsa afrɛ anigyefo akɔ asa a ɛte saa so! Sɛnea wɔtaa yɛ no no, wogyina nhoma adesua akuw so na ɛyɛ hɔ siesie ho nhyehyɛe. Mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe ma kuw biara asiesie hɔ bere a nhoma adesua sohwɛfo anaa onuabarima foforo a ɔwɔ kuw no mu hwɛ wɔn so. Ɛsɛ sɛ wonya nneɛma a wɔde siesie hɔ bere biara. Ɛsɛ sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin a wɔapaw no sɛ ɔnhwɛ Ahenni Asa no siesie so no hyehyɛ nneɛma a wɔbɛyɛ wɔ ɛhɔ siesie no mu. Ɔbɛtotɔ nneɛma a wɔde siesie hɔ nso, na wahwɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wosiesie. Sɛ yɛn nyinaa nya asa no hwɛ mu kyɛfa a, adesoa no remmɛda nnipa kakraa bi so.

4 Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani kɔ sɛnea Ahenni Asa no te ankasa so bere nyinaa. So ehia sɛ wɔka emu ne ɛho foforo? Ɛsɛ sɛ wosiesie nneɛma bi a asɛe? So ɛsɛ sɛ wɔyɛ adiwo anaa baabi a wɔde kar sisi no ho biribi? Sɛ sare anaa nhwiren wɔ ɔdan no ho a, ehia sɛ mohwɛ twa so bere nyinaa. So mo asafo no wɔ sika a ebetumi ama moasiesie asa no so ma ayɛ fɛ asen sɛnea ɛte no? Mpɛn pii na mubetumi ayɛ nneɛma nketenkete bi a ennye sika pii, nanso ebetumi ama emu ayɛ fɛ yiye. Kae sɛ, nhyiambea a ɛhɔ tew, a wɔasiesie hɔ sɛnea ɛfata, na wɔhwɛ so yiye yɛ nea ɛhyɛ Yehowa ne ne nkurɔfo anuonyam.

5 Sɛ obiara hwɛ yiye sɛ ommu biribi anaa ɔnsɛe nneɛma a wɔde asiesie hɔ no a, wɔmmɔ ɛhɔ siesie ho ka pii. Ɛnsɛ sɛ wɔde kyingam tare akongua bi ase da. Na wunim sɛ kyingam anaa tɔfe a wɔde bɛto fam, anaa nsu a wɔde begu hɔ, anaa obi mpaboa ase a ɔmpopa bere a ɔreba asa no so nyinaa yɛ nneɛma a ɛma ɛfam hɔ siesie yɛ den. Afasu ne nkongua betumi ayɛ fĩ ntɛm anaasɛ asɛe. Anibiannaso a yɛbɛyɛ betumi ama asa no so ayɛ tan, na ebegye bere ne sika pii ansa na wɔasiesie hɔ. Sɛ obiara yɛ ahwɛyiye a, yɛn ani sɔ bere nyinaa.

6 Yɛn ani gye mmofra a wɔba Ahenni Asa so no ho. Ɛsɛ sɛ wɔtra wɔn awofo nkyɛn pɛɛ bere a wɔretie Yehowa Asɛm mu akwankyerɛ, na wɔresua sɛnea wɔbɛyɛ Yehowa ayeyifo nkumaa a wotu mpɔn no. Nanso Ahenni Asa so a obi wɔ no nte sɛ ɔwɔ fie anaa agodibea bi. Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔma wɔn ani kɔ wɔn mma ho, na wɔhwɛ wɔn bere a wɔwɔ asa no so no. Ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn kwan ma wodi akɔneaba sɛ wɔrekɔdwensɔ sɛnea ɛho nhia, anaasɛ wodi agoru ansa na wɔafi asafo nhyiam ase anaa bere a wɔapɔn. Mmofra a wɔyɛ basabasa a ‘wɔto wɔn sraha’ de animguase ba. (Mmeb. 29:15) Sɛ anuanom a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa ne wo ka saa nneɛma yi ho asɛm a, tie na kyerɛ ho anisɔ, esiane sɛ wɔn ani gye ho na ɛyɛ wɔn ahiasɛm sɛ wɔbɛhwɛ ma Ahenni Asa no ayɛ nea ɛfata koraa sɛ ade a egyina hɔ ma Yehowa som kronn wɔ mpɔtam hɔ nti.

7 Ntrɛwmu Ho Nhyehyɛe a Wɔbɛyɛ: Bere a nnipa a wɔba Yehowa Adansefo nhyiam horow redɔɔso no, akyinnye biara nni ho sɛ bere bi bedu a ɛsɛ sɛ wosusuw ho yɛ nhyehyɛe si Ahenni Asa foforo. Nnipa kyere so wɔ asa pii so dedaw. Eyi si hia a ehia sɛ wɔkwati nhyehyɛe a wonnwen ho nkɔ akyiri a ɛbɛma wɔasisi Ahenni Asa a ɛyɛ nketenkete dodo, na ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ ma ansa na wɔasi awie no so dua. Bere koro no ara no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye na Ahenni Asa a wobesi no anyɛ kɛse dodo a mfaso nni so, na ɛho ka sõ. Asiane nso wom sɛ yɛbɛtwɛn bere tenten dodo ansa na yɛahwehwɛ kwan a yɛbɛfa so asi Ahenni Asa foforo, na yɛayɛ nhyehyɛe ama daakye ntrɛwmu. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ade kɔ akyiri. Bere a yenim sɛ yɛadu akyiri wɔ awiei bere no mu, na “ahohiahia kɛse” no abɛn no, yennim sɛnea abɛn afa, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe na yɛde ahoɔhare kɛse kɔ yɛn anim kosi sɛ nhyehyɛe yi awiei bɛba.

8 Ɛsono tebea biara ne mu nsɛm ne nneɛma a ehia ne nea wɔhwɛ kwan. Ebia ebinom behu sɛ eye paa sɛ wɔbɛyɛ ntɛm agye ɔdan bi atua ho ka, nanso wɔ ɔman yi mu de, asafo ahorow pii ahu sɛ ɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔtɔ asase si Ahenni Asa a ɛfata ma wɔn ahiade.

9 Henanom na wɔbɛyɛ nhyehyɛe no? Ɛsɛ sɛ eyi yɛ mpanyimfo no nyinaa asɛyɛde. Sɛ wohyiam a, ɛsɛ sɛ wɔde asɛm yi ka nneɛma a wosusuw ho bere ne bere mu no ho. Ɔkwan bɛn so na yɛresiesie yɛn ho ama ntrɛwmu a yɛhwɛ kwan no ho dwumadi? Ebia asafo abien anaa abiɛsa na wohyiam wɔ Ahenni Asa no so dedaw. So muhia asa foforo? Bere bɛn? Ɛnsɛ sɛ asafo biako fa no sɛ wɔn de wɔwɔ wɔn asa, na asa foforo a wobesi no yɛ asafo biako anaa abien a aka a wohyiam wɔ saa asa no so no asɛm. Eyi bɛyɛ nsusuwii a ɛmfata ne ade a wɔnhwɛ nkɔ akyiri. Mmom no, ɛmfa ho kasa a akuw a wohyiam wɔ asa biako so ka no, nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nyinaa ahiasɛm ne sɛ, Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ de adi nkɔso kɛse a Yehowa de ahyira n’ahyehyɛde nnɛ no ho dwuma?

10 Mpanyimfo anaa afoforo a wɔapaw wɔn no bedi anim ahwehwɛ asase a wobesi so dan no, nanso ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa boa wɔ eyi yɛ mu. Wobetumi akohu Ɔmantam Adansi Boayikuw (baabi a ebi wɔ) no ma wɔaboa wɔn ma wɔahwehwɛ asase. Ɛtɔ da bi a, obi de asase kyɛ. Asafo ahorow bi tɔ dan dedaw siesie ma ɛyɛ nea wɔn asafo no betumi de adi dwuma. Mpɔtam bɛn na asase no wɔ? Ebia asase no bo bɛyɛ fow wɔ beae bi, nanso ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ asafo no besi asa wɔ hɔ? Ɛsɛ sɛ wosusuw kurow kyekye ho nhyehyɛe ne mpɔtam hɔ mmara ho, na ɛtɔ mmere bi a wɔde anohyeto ahorow ma wɔ dan ko a wobetumi asi wɔ asase no so ho. Na nsuka, nsu, ne nneɛma foforo nso ɛ? Ɛsɛ sɛ wokohu Ɔmantam Adansi Boayikuw no bere nyinaa ansa na wɔafi nhyehyɛe biara ase.

11 Sika a Wɔde Besi Ahenni Asa: Sɛ asafo no resusuw ɔkwan a wɔbɛfa so anya Ahenni Asa ho a, ebia w’ankasa wubesusuw ho sɛ wode sika bi bɛkyɛ ma wɔde ayɛ adwuma no, anaa wobɛma bosea a worenhia no anim anim yi ara. Afei nso, ebia wobɛpɛ sɛ wokyerɛ ntoboa dodow a sɛ Yehowa boa wo a, wubetumi ayi ɔsram biara. Bere a eyi nyɛ ntotoso du du anaa tow na ɛyɛ ntoboa a obi fi ne pɛ mu yi no, mpanyimfo betumi ahwehwɛ eyi afi asafo no mufo no hɔ, na aboa wɔn ma wɔagyina so ayɛ nhyehyɛe ahorow. Sika a wɔkyerɛw wɔ nkrataa a wɔnkyerɛw din wɔ so so no ara bɛma wɔatumi abu akontaa yi.

12 Sɛ asafo no bɔ mmɔden biara sɛ emufo ankasa betua ɔdansi no ho ka nyinaa, nanso wɔantumi a, wobetumi akyerɛw baa dwumadibea no aka ho asɛm akyerɛ wɔn. Ɛsɛ sɛ asafo no hwɛ hu sɛ wɔakyerɛ ntoboa a ɛhɔfo no tumi de boa ne bosea a wɔanya wɔ adansi foto no mu wɔ krataa a ɛte saa mu. Wɔde nkrataa bi bɛmena asafo no ma Ɔmantam Adansi Boayikuw aboa wɔn ma wɔahyehyɛ.

13 Adan foforo ne ɛho sika a wotua ho nhyehyɛe a wɔatumi ayɛ ma ayɛ yiye ho nhwɛso ne asafo abiɛsa bi a ɛbɛn wɔ Ghana kuropɔn bi mu a na anka emufo nyinaa wɔ asafo biako mu a wɔaka abom asi Ahenni Asa. Akyiri yi, ɛbɛyɛɛ sɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔtɔ kan asɔredan bi siesie de yɛ Ahenni Asa wɔ kuropɔn koro no ara fã foforo wɔ asafo foforo a wɔatew no biako asasesin mu. Dɛn na na wobetumi ayɛ de aboa asafo yi?

14 Mpanyimfo no nyinaa hyiaam susuw nea wobetumi ayɛ ho. Ná asafo no nni sika a ɛdɔɔso a wɔde bɛma ma wɔde atɔ asa foforo no. Afei nso, na wonnya ntuaa bosea a wɔbɔ de sii Ahenni Asa a wɔwom no nwiei. Na ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa boa wɔ eyi mu. Ɛnde dɛn nti na wɔmmɔ bosea foforo? Eyi ne nea asafo abiɛsa no yɛe, na woyii ntoboa fɛfɛ maa asafo a na ɛreyɛ nhyehyɛe asi asa foforo no. Eyi boa maa bosea foforo a wɔbɔ de yɛɛ asa foforo no ho adwuma no tua yɛɛ mmerɛw maa asafo ahorow a wokom seesei no. Asafo ahorow a ɛkaa wɔn wɔ asa a edi kan no so no fii wɔn pɛ ne ɔdɔ mu boae ma wotuaa bosea foforo no sen sɛ anka wobetua bosea a edi kan no nko, na wɔasusuw sɛ asɛyɛde bi nna wɔn so sɛ wɔboa Ahenni Asa foforo no si wɔ sika fam bio. Osuahu yi yɛ nhwɛso a asafo ahorow pii a wɔhwɛ ade kɔ akyiri, na wɔyɛ nhyehyɛe ma nkɔanim a ɛba wɔ wɔn mpɔtam no yɛ.

15 Wɔ mmeae bi no, asafo ahorow bi atumi atua bosea a wɔbɔ sii wɔn asa no nyinaa, na afei wɔatumi de sika akɔto sikakorabea, ma ebia wɔato din sɛ “adansi foto,” na wɔde ntoboa biara a ɛka bere a wotuatua wɔn aka nyinaa wie no gu mu wɔ sikakorabea de twɛn bere a wobehia sika de asi Ahenni Asa foforo wɔ baabi a ɛbɛn hɔ no. Bere koro no ara no, woyi ntoboa kɔboa Asafo Ti Ahenni Asa Foto no bere nyinaa.

16 Ahenni Asa Foforo Si: Ɛsɛ sɛ wosusuw ɔdan no si nhyehyɛe ho yiye. Ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Ɔmantam Adansi Boayikuw no mmoa wɔ ɔdan no plan yɛ ne ɛho nkrataasɛm ho dwuma a wɔne kuropɔn anaa ɔmantam no mu aban adwumayɛfo bedi ma wɔapene so no mu. Asa afoforo a wɔbɛkɔ akɔhwɛ na sɛ ɛwɔ plan a wɔahwɛ no betumi ayɛ nea mfaso wɔ so kɛse. Baabi a wonni Ɔmantam Adansi Boayikuw no, anuanom mmarima ne mmea betumi de nyansahyɛ ahorow ama mpanyimfo no, na ɛyɛ nea nyansa wom sɛ mpanyimfo no kohu anuanom a wɔwɔ saa asafo no mu ne wɔn a wɔwɔ asafo foforo mu a wɔwɔ nsasetɔ ne adansi ho osuahu no, ansa na wɔasi wɔn gyinae ahorow. Asafo ti no wɔ adan ho akwankyerɛ nhoma ne mfonini a sɛ wɔpɛ a wobetumi abisa. Ɛsɛ sɛ wɔpaw plan a ɛmma wɔmmɔ ka kɛse wɔ Ahenni Asa no si ho, nanso wobetumi de adi dwuma na ɛyɛ fɛ nso.

17 Wobetumi agyina ɔdan ko a asafo no pɛ na wobetumi atua ho ka so abu ho ka ama wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ wɔde sika bedi dwuma nyansam bere biara, nanso pɛpɛe a wɔbɛyɛ wɔ ɔdan no si ho bɛma wɔasɛe sika pii wɔ ne siesie ho daakye sen sɛ anka wɔbɛsɛe sika kakra aka ho ma ayɛ nea ɛwɔ ahoɔden anaa nea ɛyɛ kɛse sɛnea ɛsɛ mfiase anaasɛ anka wɔde bɛtɔ adansi nneɛma a ɛyɛ papa. Nea ɛsɛ sɛ wosusuw ho nso ne sɛ wɔremfa sika fam adesoa a ɛnsɛ nto asafo no so. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ asafo no nkuran ma wosi asa a ɛso dodo sen nea wohia seesei ne daakye, anaasɛ nea nneɛma bi a ɛho nhia anaa ne bo yɛ den wom. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ adansi ho nneɛma a etumi kyɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔn a wɔba asafo nhyiam no benya emu mfaso sɛnea ɛfata a, akanea, mframa ne nkongua pa, na sɛ asafo no sõ a, akasam afiri, yɛ nea ɛho hia.

18 Mpɛn pii na mpanyimfo no behu sɛ ɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔpaw adansi boayikuw ma wɔhwɛ ɔdan no si so, na wɔpaw wɔn mu biako sɛ guamtrani. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ehia sɛ anuanom mmarima a wɔwɔ adansi ne nnwuma mu osuahu na wɔpaw wɔn ma wɔyɛ boayikuw no. Adansi boayikuw no betumi asisi gyinae a ɛne ɔdan no si ne nea asafo no pɛ hyia bere ne bere mu. Nanso, ɛsɛ sɛ adansi boayikuw no ne mpanyimfo kuw a wobebu akontaa akyerɛ wɔn, na ɛsɛ sɛ wokobisa wɔn adwene wɔ nneɛma ho no yɛ biako. Mpanyimfo no na wobesisi gyinae wɔ nsakrae kɛse biara a wɔyɛ anaa asɛm foforo biara a ɛsɔre no ho. Ɛyɛ nea ntease wom sɛ nsakrae bi betumi aba wɔ sika a wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔde besi dan no bere a wofi ne si ase no mu, esiane nneɛma bo a ɛkɔ so sesa ne ɔhaw ahorow a wɔnhwɛ kwan a wohyia nti.

19 Biakoyɛ Ho Hia: Sɛ asafo abien anaa nea ɛboro saa si gyinae sɛ wɔbɛbom atɔ asase na wɔasi asa anaasɛ wɔasiesie ɔdan dedaw bi a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no nyinaa susuw nea wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no ho yiye, na ɛsɛ sɛ wɔn adwene hyia wɔ ɔdan ko a wɔpɛ sɛ wosi, ɛho ka, sɛnea wobetua saa ka no, ne nea ɛkeka ho no ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo akuw no ma asafo ahorow no nyinaa hu nea wɔrebɛyɛ no yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no mu biara benya ntease pa agyina so asi gyinae pa. Sɛ asafo ahorow no pene so a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw na ɔsom boayikuw ahorow no mufo nyinaa de wɔn nsa hyɛ ase sɛ wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛpene so de biakoyɛ asi dan no. Ɛnyɛ ade a yebetumi agyae ɛso duasi denneennen sɛ ɛsɛ sɛ abusuabɔ pa da mpanyimfo akuw no ne asafo ahorow a wɔka ho no ntam.

20 Bere a mpanyimfo kuw no akohu Ɔmantam Adansi Boayikuw no akyi no, ebia wobesi gyinae sɛ anuanom betumi asi dan no nyinaa anaasɛ ebia nsɛm tebea bɛma ayɛ nea ɛfata sɛ wɔbɔ ɔdansifo bi paa. Anaasɛ anuanom betumi ayɛ adwuma no bi na wɔde bi ama adansifo. Woyɛ duadwumfo, ɔbantofo, durubɛndwumfo anaa nsaanodwuma foforo ho dwumfo a wo ho akokwaw? Sɛ saa a, ɛda adi sɛ wubetumi aboa pii. Nanso enhia sɛ woyɛ obi a onim nsaanodwuma ansa na woatumi atu wo ho ama. Adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, ebi te sɛ asase no so siesie, adansi nneɛma a wɔbɛtwe aba, nneɛma bi a wɔbɛhyehyɛ, ne aprapra. Afoforo betumi atu wɔn ho ama ayɛ nnwuma nketenkete na wɔanoa nnuan ama adwumayɛfo no. Anuanom a wɔwɔ saa asafo no ne asafo a ɛbemmɛn hɔ mu a wobefi wɔn pɛ mu de wɔn ho ama no kyerɛ sɛ wodi nhwɛsode a wɔyɛ too hɔ bere a na wɔresi ntamadan no wɔ sare no so ne bere a na wɔresi Salomo asɔrefi a wɔde nyansadwumfo a wɔyɛ Yehowa nkurɔfo dii dwuma no akyi.—Ex. 35:34, 35; 2 Be. 2:11-16.

21 Ɛyɛ papa sɛ wowie Ahenni Asa no si ntɛm sɛnea wobetumi na antwitware asɛnka adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no hwɛ hu sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe pɔtee wɔ dansi bere no mu ma anuanom anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Ebia wɔn a wontumi nyɛ pii wɔ adansi adwuma no mu behu sɛ wobetumi ayɛ asɛnka pii wɔ saa bere yi mu. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔamfa wɔn ho anhyɛ Ahenni Asa no adwuma mu denneennen araa ma wɔammu wɔn ani angu wɔn mmusua so. Nhyehyɛe pa bɛboa wɔ eyi mu, na ama wɔatumi ayɛ abusua adesua, akɔ asafo nhyiam ahorow ne asɛnka, ɛwom sɛ wontumi nyɛ no pii wɔ ɔdansi bere no mu de. Bere tenten a wɔde bɛyɛ adwumaden ho behia na wɔatumi awie adwuma no, nanso Yehowa hyira wɔn a wofi ɔkra nyinaa mu som no no.—Kol. 3:23, 24.

22 Bere a mobom si Ahenni Asa no, mmere pii bɛba a ɛho behia sɛ moda honhom aba no adi, titiriw ɔdɔ, abodwokyɛre, odwo, ne ahosodi. (Gal. 5:22, 23) Mpɛn pii no, ntease pa wɔ nea enti a nneɛma renkɔ so pɛpɛɛpɛ sɛnea wususuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ no no mu. Sɛ eyi wɔ w’adwenem na wokae sɛ akwan horow wɔ hɔ a wɔfa so yɛ nneɛma a, ɛbɛboa wo ma wo ne wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔnhwɛ adwuma no so no ayɛ biako.

23 Sɛ wosi dan no wie a, ɛfata sɛ wɔyɛ nhyehyɛe hyira so. Mpanyimfo kuw no betumi asi nea ɛfata sɛ wɔyɛ ho gyinae. Wobetumi apaw dapɛn awiei bi ama dwumadi yi. Asafo ahorow pii yɛ nhyehyɛe ma “wobue ɔdan no ano” to hɔ na ama nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ no atumi aba abɛhwɛ ɔdan foforo no mu na wɔahu sɛnea ɛte. Sɛ́ ebia wobetintim eyi ho nkrataa a wɔde bɛto nsa afrɛ afoforo ahyehyɛ dwumadi no yɛ wɔn ankasa asɛm. Wɔn ankasa na wɔbɛyɛ eyi ho nhyehyɛe, efisɛ nyɛ Asafo ti no na etintim saa dwumadi ho nhyehyɛe yi. Ansa na wɔbɛma ɔdan no so hyira ho ɔkasa no, asafo ahorow bi yɛ nhyehyɛe tie Ahenni Asa no si ne asafo no abakɔsɛm ho suahu ahorow. Sɛ wɔyɛ ɔdan no so hyira ho dwumadi no Memeneda a, wobetumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔama baguam ɔkasa titiriw bi Kwasida aka Ɔwɛn-Aban adesua no ho.

24 Dwuma a Wɔde Ahenni Asa Di: Ahenni Asa no yɛ hena dea? Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ asafo biako te nka sɛ Ahenni Asa no yɛ “wɔn dea,” sɛ saa asafo no mpo na esii asa no na akyiri yi asafo afoforo bɛkaa wɔn ho a. Wohyira Ahenni Asa no so ma Yehowa som. Asafo ahorow a wɔde asa no di dwuma nyinaa mu mpanyimfo akuw no wɔ asɛyɛde sɛ wofi nyansam hwɛ dwuma a wɔde Ahenni Asa no di so na ama wɔde adi Ahenni nneɛma ho dwuma yiye.

25 Ansa na wɔbɛtɔ dan bi no, wɔhyɛ nyansa denneenen sɛ asafo no, anaa asafo ahorow no mpaw boayikuw bi a wɔn din na wɔde bɛyɛ dan no ho nkrataa. Wɔde boayikuw no din to ɔdan no so ma asafo no kɛkɛ. Ɛnyɛ wɔn na wɔhwɛ Ahenni Asa no so, na mmom mpanyimfo no na ɛsohwɛ ho asɛyɛde hyɛ wɔn nsa. Wɔnhwehwɛ sɛ wɔsesa boayikuw a wɔde wɔn din yɛɛ nkrataa no afe biara, na mmom atutuatutu, owu, ne nea ɛkeka ho na ɛma eyi ho behia. (Nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a ɛfa eyi ho wɔ Asafo ti no krataa a wɔkyerɛw no April 1, 1996, a n’asɛmti ne “Amanneɛbɔ a Ɛfa Wɔn a Ahenni Asa no Bɛyɛ Wɔn De Ho” no mu.)

26 Wɔ mmeae pii no, asafo pii na wɔkɔ Ahenni Asa biako so na ama nneɛma a ɛwɔ hɔ no so aba wɔn mfaso yiye, na ɛka a wɔbɔ wɔ ho no nso so ahuan. Ɛdefa bosea, Ahenni Asa Mmoa Nhyehyɛe (AAMN), insurance ne nneɛma a ɛtete saa ho de, Asafo ti no ne asafo ahorow no mu biako pɛ na edi ho dwuma, na asafo yi taa yɛ asafo a Ahenni Asa no si wɔn asasesin mu. Nanso bere a Asafo ti no ne asafo biako pɛ na edi nkrataakyerɛw na ebia ɔdan no wɔ asafo yi din mu no, saa asɛyɛde ahorow yi ho dwuma a wodi no mma saa asafo yi kwan sɛ ne nkutoo nsi mmere ne nna a asafo ahorow no nyinaa de bɛyɛ wɔn nhyiam horow wɔ Ahenni Asa no so ho gyinae, anaasɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ sika ko a ɛsɛ sɛ asafo biara tua wɔ bosea a wɔabɔ ne ka foforo a wɔbɔ wɔ dan no ho no.

27 Ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa asi saa nsɛm yi ho gyinae na wɔafi ɔdɔ mu asusuw obiara ho? Asafo ahorow bi ahu sɛ ɛyɛ papa sɛ baabi a asafo a ɛboro biako de asa bi di dwuma no, asafo a ɛkɔ hɔ no mu mpanyimfo nyinaa hyiam sisi Ahenni Asa ho nsɛm ho gyinae. Wɔ ɔkwan a ɛte saa so no, ɔhaw ahorow a ɛfa nsɛm a asafo bi nte anaa gyina a obiara nnyina wɔn ananmu bere a wosi gyinae bi no so huan. Saayɛ so no, wɔde dan a wɔahyira so ama Yehowa som adwuma no di dwuma pɛ, na ɛbɛyɛ wɔn nyinaa asɛyɛde sɛ wɔhwɛ so yiye. Wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ mu no, asafo biako mmɛyɛ nea asa no yɛ ne dea na afoforo mmɛyɛ “ahɔho.” Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw saa nhyehyɛe yi to hɔ, na asafo biara nya saa nhyehyɛe no bi to wɔn kyerɛwtohɔ mu, esiane sɛ mpanyimfo no betumi atu afi asafo no mu na afoforo nso aba a ebia wonnim sɛ wɔde wɔn ano ayɛ nhyehyɛe bi ato hɔ nti.

28 Sɛ asafo biako pɛ na wohyiam wɔ Ahenni Asa bi so a, mpanyimfo no betumi asusuw bere a wɔhwɛ a eye ma nhyiam horow no ho na wɔde nea wɔkamfo kyerɛ no akɔto asafo no anim ma wɔasusuw ho, na ebia wɔasesa mu na wɔasi gyinae a etwa to (denam nea adawurubɔfo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu no mu dodow no ara bɛkyerɛ so), na nhyiam horow no ayɛ nea mfaso wɔ so ama adawurubɔfo dodow no ara. Nanso, sɛ asafo a ehyiam wɔ asa no so boro biako a, sɛnea ɛne nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no hyia no, asafo ahorow no nyinaa mu mpanyimfo ananmusifo betumi ahyia na wɔaka mmere a wɔde bɛyɛ wɔn nhyiam na wɔayɛ nhyehyɛe pa ama wɔn nyinaa. Nokwarem no, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔpaw mmere a wɔde bɛyɛ nhyiam horow a, ɛnyɛ mpanyimfo no nkutoo na ebesi eyi ho gyinae, na mmom asafo mũ no nyinaa.

29 Asafo ahorow bi hu sɛ, mmere a wɔde yɛ asafo nhyiam ahorow a wɔsesa mu, anaasɛ pene a wɔpene so sɛ wɔbɛyɛ saa afe biara anaa nea ɛte saa no yɛ anigye. Nkitahodi pa ne biakoyɛ de ntease ne abotɔyam ba, na ɛmma wɔnte nka sɛ asafo biako nya hokwan ahorow bi a eye bere biara. Biakoyɛ nso ho hia wɔ nhyiam horow a wɔbɛyɛ wɔ bere a ɔmansin sohwɛfo abɛsra asafo no, bere a wɔreyɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu, ne nea ɛkeka ho mu.

30 Saa ara na mpanyimfo no nyinaa behyiam na wɔapaw boayikuw a mpanyimfo a wɔwɔ nimdeɛ wom ma wɔahwɛ dwuma a wɔde asa no di ne ne siesie so bere biara. Asafo biara mu ananmusifo ka boayikuw yi ho. Eyi remma mpanyimfo kuw no nyinaa (sɛ asafo a wohyia hɔ no boro biako a) nhyiam mpɛn pii nsi gyinae wɔ nsɛm a ɛho nhia ahe biara a ɛfa dwuma a wɔde asa no di ne ne siesie ho ho. Wobetumi de akwankyerɛ ahorow ama wɔ nneɛma bi ho te sɛ sika dodow a wobetumi de adi dwuma asiesie ɔdan no a ɛho nhia sɛ wokobisa hokwan titiriw ma wogye tom ansa.

31 Wɔ nhyehyɛe a ɛte saa mu no, sɛ ɛba sɛ nsɛm a emu yɛ den sɔre anaasɛ sika kɛse bi a wɔde bedi biribi ho dwuma ho asɛm sɔre mpofirim a, wobetumi de ato mpanyimfo kuw no nyinaa anim ma wɔasusuw ho. Sɛ mpanyimfo a wɔka dan no siesie boayikuw no ho te nka sɛ sika kɛse saa a wɔde bedi dwuma no fata a, wobetumi de nea wɔn nyinaa akamfo akyerɛ no ho asɛm akɔto asafo ahorow no anim, akyerɛkyerɛ nokwasɛm ahorow mu, a ɛka a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛbɔ ka ho. Afei asafo ahorow no betumi asi gyinae a etwa to.

32 Asafo biara betumi atua sika a wɔapene so no bere a ɛfata mu ma wɔde adi Ahenni Asa no ho dwuma. Ansa na wɔbɛyɛ eyi no, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wohyiam wɔ asa no so no mu mpanyimfo no nyinaa hyiam susuw sika a wohia ɔsram biara na wɔde atua bosea a wɔabɔ ne aka foforo no ho. Mpanyimfo a wofi asafo ahorow no mu no betumi agyina eyi so asi nea wɔbɛka akyerɛ wɔn asafo ahorow no ho gyinae. Afei asafo biara besi nea wobetua ɔsram biara ho gyinae. Sɛ ɛho hia na ɛfata a, wobetumi ayɛ nsakrae wɔ sika a asafo biara de ma ɔsram biara no mu.

33 Asafo a etua bosea no ma Asafo ti no betumi agyigye sika no, sɛ saa na wɔyɛ no a. Ɛsɛ sɛ asa siesie boayikuw no de krataa soronko a wɔhyehyɛ Ahenni Asa no ho dwumadi ne ne siesie ho sikasɛm nkutoo wɔ so no bi asie. Na sɛ ebetumi aboa wɔn wɔ wɔn sika ho akontaabu mu a, asafo yi betumi de akɔto sikakorabea, a wɔmfa mfra sika foforo biara. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ asafo ahorow no mu mpanyimfo amanneɛ bere ne bere mu, na wɔyɛ nhyehyɛe bu ho akontaa kyerɛ asram abiɛsa biara. Wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ mu no, ɔbɛhwɛ Ahenni Asa si ne ɛsohwɛ sikasɛm mu, sɛnea ɔyɛ wɔ asafo no sikasɛm a aka ho no.

34 Ahenni Asa yɛ Yehowa nsiesiei ahorow a ɛma yetumi hyiam no mu biako. Nnwuma a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so a wɔyɛ ho nhyehyɛe wɔ Ahenni Asa so no yɛ Yehowa honhom fam paradise mu nsiesiei no bi. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya nsiesiei ahorow a ɛwɔ hɔ no mu kyɛfa. Nanso nyansa nnim sɛ yebebu no adewa. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ na yɛma yɛn ani kũ Ahenni Asa no sohwɛ ho yiye. Ɔhene Dawid kae sɛ: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ Awurade [Yehowa, NW] fi.” (Dw. 122:1) Momma yɛn nyinaa nsua Dawid ne tete asomfo anokwafo no wɔ ɔkwan a yɛfa so bu adan a wɔahyira so ama Yehowa nokware som no si ne dwuma a wɔde di no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena