Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. September: Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba. October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kra. Ɛde rekɔ ɔsram no awiei no, yebefi ase akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto So 35.
◼ Wɔremmue Betel July 1. Wɔrenyɛ adwuma saa da no, enti yɛsrɛ sɛ mommma ha.
◼ So mode mo asafo Asasesin a Wɔmfa Nhyɛɛ Obiara Nsa ho Akwammisa (S-90) krataa no amena dedaw? Sɛ monyɛɛ saa a, yɛrebɔ mo nkae.
◼ Yɛde nkrataa ahorow abien remena asafo ahorow nyinaa ma wɔde akra nneɛma a afe biara wɔkra ma wɔn a wɔpɛ bi nkutoo te sɛ Yearbook, Watchtower bound volume ahorow ne kalenda ahorow. Yɛde sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma ho akwankyerɛ a emu da hɔ ama wɔ yɛn krataa a ɛne FA:SH a yɛkyerɛw no May 13, 1994 kɔmaa mpanyimfo akuw nyinaa no mu. Yɛsrɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no nhwɛ nhu sɛ wɔahyehyɛ nkrataa abien no pɛpɛɛpɛ ma ebedu September 30, 1997 no, na wɔde amena baa dwumadibea.
◼ Esiane sɛ Memeneda ne Kwasida anum na ɛwɔ August mu nti, ɛyɛ bere pa a nnipa pii betumi ayɛ akwampaefo aboafo.
◼ Efi September no, ɔkasa a amansin so ahwɛfo bɛma no asɛmti ne “Nya Yehowa Tumi a Egye Nkwa no mu Ahotoso.”
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Aba Bio:
Twi: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn; Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma.