Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kra. Ɛde rekɔ ɔsram no awiei no, yebefi ase akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35. November: Yɛbɛtoa Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no kyekyɛ so. Asafo ahorow a wobewie wɔn asasesin mu adwuma denam ofie anaa atrae biara mufo a wɔbɛto wɔn ama wɔn Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no bi so no betumi de Nimdeɛ nhoma no ama. December: New World Translation ne nhoma The Bible—God’s Word or Man’s?
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaasɛ ɛno akyi pɛɛ. Sɛ wɔyɛ saa wie a, wɔmfa ɛho nkaebɔ mma asafo no.
◼ Yɛrekae mpanyimfo no sɛ wonni obiara a wɔatu no anaa watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no mu wɔ nkratafa 21-3 no akyi.
◼ Ɛho hia sɛ kuw a wɔyɛ nnipa 20 anaa nea ɛboro saa a wɔreyɛ nhyehyɛe abɛsra Asafo ti no adwumayɛbea no di kan kyerɛw ɛho krataa de brɛ baa dwumadibea no. Yɛsrɛ sɛ momfa nnipa dodow ne da a moreba nsrahwɛ no nka ho. Asafo ti no remfa krataa a ɛte saa ho mmuae mma, enti monntwɛn mmuae ansa na moaba. Bio nso, asafo ti no mma asafo ahorow ne ankorankoro a wɔba nsrahwɛ no dabere. Enti, yɛsrɛ sɛ monnkyerɛw mmmebisa eyi. Sɛ obi anaa nnipa kakraa bi na wɔreyɛ nhyehyɛe abɛsra Betel a, eho nhia sɛ wodi kan kyerɛw Asafo ti no.
◼ Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔma afoforo kra ne nea asa a wɔresan akra nyinaa, a wɔn ankasa de a wɔkra ka ho, fa asafo no so.
◼ Asafo ti no nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔma ho nkaebɔ ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma no abrɛ Asafo ti no ɔsram biara, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma ahorow no betumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ mma wo werɛ mmfi nhoma horow a yɛkra ma ankorankoro no. Ɛnsɛ sɛ wɔkra bi gu hɔ.
◼ Wɔrekae ɔsom boayikuw no sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔde Literature Inventory Form (S-AB-18) no bɛmena baa dwumadibea akyɛ koraa no, September 6, 1997. Ɛsɛ sɛ wɔde Asafo Dwumadi mu Nhwehwɛmu ho Amanneɛbɔ kratasin (S-10) no mena aka akyi koraa no, September 10, 1997.
◼ Sɛ morekra nhoma a, ɛsɛ sɛ asafo horow no ma ɛtra wɔn adwenem sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkyekyɛ Asafo ti no CD-ROM no basabasa. Wɔyɛ maa adawurubɔfo nkutoo.
◼ Yɛn Ahenni Som a ɛbaa May 1997 mu “Asɛmmisa Afã” hyɛɛ nyansa sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ adawurubɔfo a ɛsono wɔn bɔbeasu a yɛne wɔn bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu no ho. Yɛwɔ nneɛma pii nti a ɛsɛ sɛ yɛde atɛmpa di dwuma wɔ eyi mu. Eyi nkyerɛ sɛ ahwɛfo akwantufo anaa anuanom mmarima foforo mpo ntumi ne anuanom mmea nyɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Mmom no, adwene a na ɛwom ne sɛ nyansa nnim sɛ onua barima bi ne onuabea biako a ɔnyɛ n’abusuani nkutoo bɛnantew daa.
◼ Yɛreyɛ Watchtower Publications and Cost List foforo, na yɛde anan bɛmena asafo biara. Ɛsɛ sɛ mode ma ɔkyerɛwfo no ne anuanom a wɔhwɛ nhoma, nsɛmma nhoma, na sikasɛm so no.
◼ Yɛrebɔ mo nkae sɛ sɛ morefi nsɛmma nhoma kra ase bio a, eye mmom sɛ mode Expiring Subscription krataa a yɛde amena asafo no bedi dwuma. Sɛ eyi bi nni hɔ a, ɛsɛ sɛ mode krataa a amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛresa wɔ so a ɛhyɛ nsɛmma nhoma no mu anaa nea ɛhyɛ mu no di dwuma. Eyi bɛboa ma nsɛmma nhoma a ɛresa a wɔresan afi ne kra ase no ho adwuma akɔ so ntɛm. Yɛsrɛ sɛ mommɔ mmɔden nni nsɛmma nhoma a wɔresan akra no ho dwuma ntɛm sɛnea mubetumi biara, sɛnea ɛbɛyɛ a ebi rempa nea ɔkra no ti so.
◼ Ɛdefa bere tiaa mu akwampaefo titiriw akwammisa krataa ho no, sɛ nea obi ne no bɛkɔ no wɔ asafo foforo mu a, ɛyɛ papa sɛ ɔno nso bɛfa n’asafo mu mpanyimfo so abisa hokwan sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi ne nyinaa ho dwuma abom wɔ baa dwumadibea. Ɛsɛ sɛ Asafo ti no nsa ka akwammisa krataa no anyɛ yiye koraa no, asram abiɛsa ansa na wɔafi ase.