“So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?”
1 Wɔbɛbɔ asɛm bi a ɛyɛ dɛ, ɛkanyan anigye, na ɛka koma dawuru wɔ wiase nyinaa wɔ kasa horow 169 mu. Dɛn ne saa asɛm yi? Na wɔbɛka no dɛn?
2 Asɛm no fa yɔnkodɔ ho. Wubehu wɔ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 a wɔato din sɛ “So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?” no mu. Saa Ahenni Asɛm yi pɛɛpɛɛ nsɛm tebea a ɛwɔ wiase nyinaa mprempren mu tiawa, na ɛda no adi sɛ ɔdɔ a ayera wɔ nnipa mu ne ade titiriw a ɛde awerɛhow ne ɛyaw pii aba. Ɛkyerɛkyerɛ nea enti a yɔnkodɔ ano adwo wɔ yɛn bere yi so titiriw, ne nea eyi kyerɛ ma daakye no mu.
3 Afei nso, Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no da no adi sɛ yɔnkodɔ ankasa wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔte wiase nnɛ mu. Ɛkyerɛ nkurɔfo a wɔn som te sɛ tete Kristosom—afeha a edi kan no mu som, a na yɔnkodɔ a Yesu Kristo kyerɛkyerɛe wom no.—Luka 10:25-37.
4 Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no de nkyerɛkyerɛmu bi a ɛfa sɛnea ɛrenkyɛ na adesamma wiase no nyinaa ada yɔnkodɔ adi wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso a Kristo di so no ase ho na ewie. Yɛhyɛ wɔn a wɔrekenkan asɛm yi nkuran sɛ wɔmma wɔn nsa nka Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi, na wonsua sɛnea wobenya wiase nyinaa dɔ ho nhyehyɛe yi a wɔaka ho asɛm akɔ akyiri wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu kyɛfa.
5 Henanom na Wɔbɛka Asɛm Yi? Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛka yɔnkodɔ ho asɛm yi akyerɛ wɔn amannifo, afipamfo, ne wɔn abusuafo wɔ October ne November asram no mu. Yɛhyɛ wɔn a wɔfata nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no a yɛbɛkyekyɛ wɔ baguam no mu.
6 Ɔsatu yi botae titiriw ne sɛ ɛbɛkanyan nkurɔfo anigye ma wɔama yɛne wɔn ayɛ Bible adesua wɔ Ahwehwɛde nhomawa no anaa Nimdeɛ nhoma no mu. Afei nso, koma nyinaa mu a Yehowa asomfo mu biara befi de ne ho ahyɛ mu no bedi ɔdɔ Nyankopɔn, Yehowa, ne ne Ba, Yesu Kristo, ho adanse kɛse.