Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/97 kr. 7
  • So Woyɛ Bere Nyinaa Ɔdansefo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woyɛ Bere Nyinaa Ɔdansefo?
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nea Ɛsen Biara A Yɛbɛyɛ De Aka Asɛmpa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Dɛn na Wugyina So Bu Yiyedi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Bere Nyinaa Som Adwuma no Mu Anigye
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 10/97 kr. 7

So Woyɛ Bere Nyinaa Ɔdansefo?

1 So wubebua asɛmmisa yi sɛ yiw? Ɛwom sɛ ɛnyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa na wobetumi de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu de, nanso so ntease nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ yɛn nyinaa bebu yɛn ho sɛ yɛyɛ ne bere nyinaa Adansefo? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.

2 Yenni biribi a wɔfrɛ no bere fã Kristoni. Yesu kaa N’agya ho asɛm sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yoh. 8:29) Paulo a ɔtee nka saa ara no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnyɛ biribiara nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ (1 Kor. 10:31) Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bu yɛn ho sɛ Yehowa bere nyinaa Adansefo. Bu a yebebu yɛn ho saa wɔ kwan yi so no benya yɛn so nkɛntɛnso pa wɔ biribiara a yɛyɛ mu.

3 Susuw Adanse no Ho: Yɛn ahosiesie, kasa, ne abrabɔ betumi ama afoforo ahu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo ampa. Yehu hia a ehia sɛ yɛde ahobrɛase adwene siesie yɛn ho, ka kasa a ɛho wɔ nyam, na yɛda abrabɔ pa adi bere biara a yɛwɔ asɛnka adwuma mu anaa yɛkɔ Kristofo nhyiam horow no. Nanso, sɛ ebia yɛrekɔ sukuu, yɛreyɛ honam fam adwuma, anaa yɛregye yɛn ani a, ɛsɛ sɛ yɛn ho biribiara di adanse sɛ yɛde Yehowa trenee gyinapɛn ahorow na ɛtra ase.

4 Yesu kae sɛ: “Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. . . . Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mat. 5:14-16) Ɛsɛ sɛ eyi da adi wɔ biribiara a yɛyɛ mu bere nyinaa. Sɛ ɛba sɛ yentumi nni adanse esiane faako a yɛwɔ anaa nea yɛreyɛ nti a, ehia sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So mede bere nyinaa anaa bere fã na ɛsom Yehowa?’ Ɛmmra sɛ yɛremma hokwan a yɛde bɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ afoforo mpa yɛn ti so da.

5 Kae sɛ, sɛ yetumi de ahotoso bua asɛmmisa a ɛne sɛ, “So woyɛ bere nyinaa Ɔdansefo?” no sɛ “Yiw!” a, yedi Yehowa ni, na yɛsɔ n’ani.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena