Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Fa w’adwene si ofie Bible adesua ahorow a wubefi ase so. April ne May: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! June: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, Mankind’s Search for God, anaa nhoma biara a ekura nkratafa 192.
◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ April ne May mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren, na wɔde wɔn akwammisa krataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka nhyehyɛe a ehia, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma foforo a ɛdɔɔso agu hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene wɔn so sɛ akwampaefo aboafo no din kyerɛ asafo no.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu wɔ March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ wie a, mommɔ asafo no amanneɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔma afoforo kra, foforo ne nea asa a wɔresan akra nyinaa, a wɔn ankasa de a wɔkra ka ho, fa asafo no so.
◼ Yɛrekae anuanom sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ Betel telefon so anɔpa 7:00 kosi 7:30. Eyi ne bere a wɔde yɛ anɔpasom wɔ Betel.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Aba:
Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa (Ne kɛse)—Ewe
◼ Elementary Bible Teachings (Nea wɔatwa no tiawa, nhomawa a ekura nkratafa 64 a Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma mu nsɛmmisa a wɔne asubɔfo susuw ho wom.)—Ga
◼ Nhoma Ahorow a Ebi Aba Bio:
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm—Engiresi
Awufo Ahonhom—Engiresi
◼ Kasɛt Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:
Kingdom Melodies Album (Nea hwee nnim)—Engiresi
Kingdom Melodies Album (Nea kasɛt wom)—Engiresi