Kyekye Wɔn A Wɔn Biribi Awu Werɛ Wɔ Ayi Ase
Yɛwɔ nhomawa ahorow a ekura nkratafa 32 a yebetumi de ama ɔmanfo, na ebi ne Bere a Obi a Wodɔ no Awu. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛde saa nhomawa yi bɛkyekye abusuafo, nnamfo, mfɛfo adwumayɛfo, ne nea ɛkeka ho, a wɔn biribi awu werɛ bere a yɛkɔ ayi ase no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛsan akɔ obiara a ɔkyerɛɛ anigye nkyɛn. Eyi betumi abue sankɔhwɛ ho kwan, na akowie ofie Bible adesua mu.