Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Yebetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Dɛn ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ no Awu. September: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. October: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan!
◼ Esiane sɛ August ɔsram no wɔ dapɛn awiei ahorow anum nti, ɛyɛ bere pa a anuanom pii betumi ayɛ akwampaefo aboafo.
◼ Efi September no, amansin so ahwɛfo bɛma ɔkasa a n’asɛmti ne “So Wo ne Onyankopɔn Renantew?”
◼ Wɔremmue Betel July 1. Wɔrenyɛ adwuma saa da no, enti yɛsrɛ sɛ monnkɔ hɔ.
◼ So mode mo Asasesin a Wɔmfa Nhyɛɛ Asafo Biara Nsa Ho Akwammisa kratasin (S-90) no amena? Sɛ monyɛɛ saa a, yɛde eyi rekae mo.
◼ Yɛde nkratasin bi remena asafo ahorow nyinaa ma wɔde akra control stock nneɛma a wɔkra no afe afe te sɛ Yearbook, Watchtower Bound Volume, ne Calendar. Wɔde sɛnea wɔde saa nkratasin yi di dwuma ama wɔ yɛn krataa a wɔato din FA:SH a wɔkyerɛw no May 13, 1994, de kɔmaa mpanyimfo akuw nyinaa no mu. Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw hwɛ hu sɛ wɔahyehyɛ nneɛma a wɔrekra no pɛpɛɛpɛ, na wɔde mena baa dwumadibea, aka akyi koraa no, September 30, 1998.