Yɛ Ɔdawurubɔfo a N’ani Kũ Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ Ho
1 Yehowa ama yɛn asɛntitiriw bi sɛ yɛnka, na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no di dwuma titiriw wɔ asɛm no a yɛde bedu afoforo nkyɛn no mu. Saa nsɛmma nhoma ahorow yi betumi aboa nnipa ahorow nyinaa wɔ tebea biara mu efisɛ nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de na edi nkurɔfo ahiade—honhom fam, nkate fam, asetra ne abusua mu nsɛm—ho dwuma na ɛwom.—Mat. 5:3; Aso. 26:18.
2 Bere a nsɛmma nhoma yi kyekyɛ kɔ so nya nkɔanim no, nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi da no adi sɛ ɔman yi mu adawurubɔfo bɛyɛ fã na ehia sɛ wɔma wɔn ani kũ ho sɛ wɔn ankasa bɛkyekyɛ nsɛmma nhoma. Esiane sɛ yɛadu akyiri wɔ awiei bere no mu nti, ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara ani betumi akũ nsɛmma nhoma kyekyɛ ho?
3 Ankorankoro Ahosiesie Ho Hia: Amanneɛbɔ a efi asasesin no mu ba kyerɛ sɛ adawurubɔfo baasa biara mu baanu na wɔkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara a ɛba no. Sɛ yɛn ani bekũ nsɛmma nhoma kyekyɛ ho a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan nea ɛba biara efisɛ eyi bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea ɛsom bo. Sɛ yɛkenkan nsɛmma nhoma no mu nsɛm no a, ɛbɛma ahotoso ne anigye a yɛwɔ sɛ yɛde bɛma no ayɛ kɛse. Bere a wokenkan nea ɛba biara no, bisa wo ho sɛ, ‘Hena na n’ani begye saa asɛm yi ho?’
4 Nnianim Nsɛm a Etu Mpɔn: Siesie nsɛm ntiantiaa a wɔka kyerɛ. Paw asɛm a ɔbarima ani begye ho, nea ɔbea ani begye ho, ne nea mmofra ani begye ho. Ɔkwampa a wɔfa so ka ho asɛm kyerɛ ne sɛ wubebisa asɛm bi afa asɛmti bi a ɛyɛ anigye ho na afei woatwe adwene asi asɛm a ɛde mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so ma no so. Da adwempa ne adamfofa su adi. Yɛ fakaa na hwehwɛ asɛm bi a wo ne ofiewura no nyinaa ani begye ho.
5 Fa Hokwan Biara Di Dwuma: Nsɛmma nhoma bi mu asɛm bi betumi ayɛ nea obi behia na ɛde no aba nokware no mu! Enti sɛ́ ebia woreyɛ afie-afie anaa abɔnten so adansedi, sotɔɔ ahorow mu adwuma anaa anwummere adansedi, sɛ́ woreyɛ sankɔhwɛ anaasɛ worekɔ kan Bible asuafo nkyɛn no, fa hokwan biara a wubenya no ma nsɛmma nhoma yi bi. Nea ɛbɛyɛ na ahyɛ wo nkuran no, fa nsɛmma nhoma dodow pɔtee a wopɛ sɛ woma ɔsram biara si w’anim.
6 Na bɔnnɔ so adansedi nso ɛ? Onua bi a na ɔte trɔtrɔ mu rekɔ adwuma no fii ase kenkan n’ankasa Ɔwɛn-Aban. Obi a na ɔte ne nkyɛn no kyerɛɛ ho anigye, na ɔmaa no nsɛmma nhoma ahorow abiɛsa toatoaa so! Eyi kyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛde nsɛmma nhoma no bi hyɛ yɛn ho wɔ baabiara a yɛkɔ. Fa bi ma mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, mfɛfo sukuufo anaa akyerɛkyerɛfo bere biara a ɛfata.
7 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! yɛ nsɛmma nhoma a ɛsom bo sen biara a nnipa betumi akenkan nnɛ. Honhom fam nokwasɛm a ɛwom no betumi anya nkurɔfo asetra so nkɛntɛnso pa daa. So anyɛ yiye koraa no, wubetumi ayɛ nhyehyɛe de da koro akyekyɛ nsɛmma nhoma dapɛn biara? Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ adwumaden de akanyan afiewuranom anigye wɔ saa nsɛmma nhoma yi mu, na yɛde bi ama bere biara a yebenya hokwan no.—1 Tim. 2:3, 4; 4:16.