Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. October: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! November: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation Bible no.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu wɔ September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ muwie a, mommɔ asafo no amanneɛ.
◼ Yɛrekae mpanyimfo no sɛ wonni obiara a wɔatu no anaa watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 no akyi.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo no mufo de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔma afoforo kra ne nea asa a wɔresan akra nyinaa, a wɔn ankasa de a wɔkra ka ho, fa asafo no so.
◼ Asafo ti nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔma ho nkaebɔ ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma no abrɛ Asafo ti no ɔsram biara, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma ahorow no betumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ mma wo werɛ mmfi nhoma ahorow a yɛkra ma ankorankoro no.
◼ Asafo ahorow nyinaa nhyɛ no nsow: Ansa na wobewie nsase a wosi so Ahenni Asa ho nkrataa no, ɛsɛ sɛ wɔde krataa no bi mena baa dwumadibea ma wɔhwɛ mu kyerɛ ho adwene. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ eyi ansa na wɔde nsa ahyɛ krataa no ase.