Yɛn Bɔfo Kɛse no Dwen Yɛn Ho!
1 Bere a na Yehowa ne Israelfo a wɔn aso yɛ den no resusuw nsɛm ho no, obisae sɛ: “So wunhui? So wontee ɛ? Daa Onyankopɔn ne [Yehowa, NW] a ɔbɔɔ asase awiei no.” (Yes. 40:28) Yenim yɛn Bɔfo Kɛse no, na yehu sɛnea ofi ɔdɔ mu hwɛ yɛn so no. Nanso, nnipa ɔpepem pii nnye nni sɛ ɔwɔ hɔ na wonni ne ho adwene a ɛne nea ɛwɔ Bible mu no hyia. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn?
2 Wɔayɛ nhoma foforo Is There a Creator Who Cares About You? no na wɔde aboa nnipa a wɔtete saa. Ɛma nnipa a wodwen nsɛm ho kɔ akyiri no susuw nokwasɛm ahorow no ho. Ɛsɛ sɛ nhoma yi mu nsɛm a ɛyɛ dɛ na etumi dan ti no kanyan wɔn a wɔkenkan no.
3 Hu Creator Nhoma no mu Nsɛm: Ma emu nsɛm a wɔahyehyɛ no ntra w’adwene mu. Atiri 2 kosi 5 no ka sɛnea amansan no, nkwa, ne nnipa bae, ne nea ɛma ɛbae ho asɛm. Atiri 6 kosi 9 no hwehwɛ Bible no ne ne Kyerɛwfo ne ne titiriw no, sɛ́ ebia yebetumi de yɛn ho ato Genesis kyerɛwtohɔ no so anaa yentumi no mu. Ti 10 no de nsɛmmisa a ɛkyere adwene sen biara a nnipa bisa no mu biako ho mmuae a ɛtɔ asom ma: “Sɛ Ɔbɔadeɛ no dwen yɛn ho a, dɛn nti na amanehunu abu so saa?”
4 Bɔ Mmɔden sɛ Wo ne Wɔn a Wogye Kyim no Besusuw Nsɛm Ho: Creator nhoma no nkratafa 78-9 de nsɛm a sɛ wususuw ho a wubetumi de adi dwuma de aboa afoforo ma wɔanya sɛnea Onyankopɔn te ankasa ho nimdeɛ ma. Bisa wɔn sɛ: “So amansan no wɔ mfitiase?” Nnipa pii begye atom sɛ ɛte saa. Sɛ saa a, bisa sɛ: “So ɛno ankasa na ɛbae anaasɛ ɛnam biribi so?” Nnipa pii gye tom sɛ ɛnam biribi so na ɛbae. Eyi de asɛmmisa a etwa to no ba: “So biribi a ɛwɔ hɔ daa na ɛmaa amansan no bae anaasɛ Obi a ɔte hɔ daa na ɔma ɛbae?” Saa kwan yi betumi aboa nnipa pii ma wɔahu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.
5 Creator nhoma no ara ne nhoma a nnipa pii hia. Ka mu asɛm kyerɛ w’abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, ne afoforo a wɔbɛn wo. Fa bi kɔ asɛnka na ama woatumi de bi ama wɔn a wuhyia wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ no. Bere dodow a yehu nhoma yi mu nsɛm no, dodow no ara na ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn Bɔfo no mu bɛyɛ den, na akanyan yɛn ma yɛakɔ so anantew ma ɛne ne gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no ahyia.—Efe. 5:1; Adi. 4:11.