Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/99 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
Yɛn Ahenni Som—1999
km 2/99 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛyɛ nhyehyɛe soronko de afi ofie Bible adesua horow ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kra. Ma anigyefo nsa nka Ahwehwɛde nhomawa no bi, na bɔ mmɔden fi ofie Bible adesua horow ase.

◼ Efi March 22, 1999 dapɛn no mu no, yebesua Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Adesua no ho nhyehyɛe nyinaa wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu. Wubetumi ayɛ no photocopy de ahyɛ wo nhoma no mu na sɛ worepɛ ahwɛ mu a, woammrɛ. Akwankyerɛ a ɛfa sɛnea yebesua nhoma no nnianim no ho nkyerɛkyerɛmu no wɔ asɛm a wɔato din “Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn No a Yebesua,” kratafa 1, nkyekyem 5, wɔ October 1992 Yɛn Ahenni Som no mu.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no susuw daa akwampaefo nyinaa dwumadi ho. Sɛ ebinom rehyia nnɔnhwerew a wontumi nnu ho ho nsɛnnennen a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe de boa. Sɛ mopɛ ho nyansahyɛ a, monhwɛ Asafo ti no nkrataa S-201 a wɔkyerɛw no November 1, 1997 no mu. Afei nso monhwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 12-20.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampae aboafo wɔ March, April, ne May mu no yɛ wɔn nhyehyɛe saa bere yi na wɔde wɔn akwammisa nkrataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ nhyehyɛe a ɛho hia ama asɛnka, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma foforo a ɛsɛ. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene wɔn so sɛ wɔnyɛ akwampae aboafo no nyinaa din kyerɛ asafo no.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔrebom ayɛ nhyehyɛe akɔyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma wɔ asram a ɛreba mu no siesie wɔn ho sɛ wɔde Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no bedi dwuma wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu. Wobetumi de nhoma dedaw afoforo nso adi dwuma.

◼ Efi January kosi March 1999 de no so no, wobetintim Nyan! wɔ Solomon Islands Pidgin kasa mu sɛ nsɛmma nhoma a ɛba asram abiɛsa biara.

◼ Efi January 1, 1999 de no so no, wobetintim Ɔwɛn-Aban wɔ Umbundu kasa mu sɛ nsɛmma nhoma a ɛba ɔsram biara.

◼ Efi January 8, 1999 de no so no, wobetintim Nyan! wɔ Latvian kasa mu sɛ nsɛmma nhoma a ɛba adapɛn abien biara.

◼ Efi January 15, 1999 de no so no, wobetintim Ɔwɛn-Aban wɔ Urdu kasa mu sɛ nsɛmma nhoma a ɛba adapɛn abien biara.

◼ Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:

Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?—Dangme

Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu (Tract No. 15)—Dangme

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena