Kristo Wu a Wɔhyɛ Ho Fã Wɔ Wiase Nyinaa
1 Yehowa de akyɛde pii adom yɛn. Wɔka ne papayɛ ne n’adɔe nyinaa ho asɛm pefee sɛ “n’akyɛde a enni kabea no.” Yiw, “Onyankopɔn dom” no kyɛn so araa ma ɛboro yɛn so sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu.—2 Kor. 9:14, 15.
2 N’akyɛde a Ɛsen Biara: Yesu Kristo a ɔyɛ adesamma Gyefo no ne akyɛde a ɛsen biara. Yehowa de ne Dɔba a ɔwoo no koro no mae de daa ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma adesamma wiase no adi. (Yoh. 3:16) Ɛfata sɛ yɛhyɛ nhyira a ɛte saa a Onyankopɔn de adom yɛn yi ho fã wɔ wiase nyinaa. Yɛbɛyɛ no bere bɛn, na ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ayɛ? Yawda, April 1, 1999, anwummere no, Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa bedi Awurade Anwummeduan ho afahyɛ no, de ayɛ nkae ama afɔre a ɛsen biara no.—1 Kor. 11:20, 23-26.
3 Kristo wu maa yɛn bere a “yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo” mpo no, na yɛn ankasa betumi akyerɛ ho anisɔ denam ne wu ho Nkaedi a yebenya mu kyɛfa ne afoforo a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛka yɛn ho wɔ afahyɛ a ɛsen biara yi ase no so.—Rom. 5:8.
4 Afahyɛ a Ehia Sen Biara: Ade titiriw a Kristo wu ho afahyɛ no da no adi ne sɛ ogyinaa Onyankopɔn tumidi akyi pintinn. Ɛsan kae yɛn sɛ yebetumi anya gyinabea pa wɔ Yehowa anim bere a yɛkyerɛ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nkwagye ho awerɛhyem no. (Aso. 4:12) Nokwarem no, eyi ne adeyɛ a ehia sen biara wɔ afe no mu!
5 Ɔkwan a yɛbɛfa so akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔne yɛn abɛhyɛ Awurade Anwummeduan ho fã no. Agyede no so mfaso horow no da so ara wɔ hɔ ma nnipa ɔpepem pii a wosua sɛnea ɛsom bo kɛse ho ade no. (Fil. 3:8) Wɔn a wɔkyerɛ Kristo afɔrebɔ no mu gyidi no betumi anya anidaso a emu yɛ den sɛ wɔbɛtra ase daa.—Yoh. 17:3.
6 Nkaedi bere no ma yenya hokwan soronko de kyerɛ Onyankopɔn dom a ɛboro so no ho anisɔ. Saa bere yi ne bere a eye paa sɛ yɛde nsiyɛ nya Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka no mu kyɛfa. Mfaso pii da hɔ retwɛn wɔn a wɔde mpaebɔ susuw Yehowa akyɛde a enni kabea no ho na wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ afe yi Awurade Anwummeduan ho afahyɛ no bi no!