Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/99 kr. 1
  • Yehowa a Yebeyi No Ayɛ Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa a Yebeyi No Ayɛ Daa
  • Yɛn Ahenni Som—1999
Yɛn Ahenni Som—1999
km 10/99 kr. 1

Yehowa a Yebeyi No Ayɛ Daa

1 Odwontofo no kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Mehyira wo daa nyinaa.” (Dw. 145:2a) So yɛte nka saa wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho? Esiane gye a yɛn bere yi gye ntɛmpɛ no nti, so yɛrenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa sɛnea ɛsɛ?

2 Hwehwɛ Hokwan Ahorow Fa Di Adanse Daa: Ɛwom sɛ yɛn nsɛm tebea gu ahorow koraa de, nanso daa ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu sɛ ehia sɛ yenya asɛmpa a yɛbɛka akyerɛ afoforo no mu kyɛfa. Nea ɛka asɛnka a yɛbɛhyɛ da akɔ ho no, ɛsɛ sɛ yedi kan di adwuma mufo anaa sukuufo ne yɛn afipamfo anaa obiara a yehyia no daa no adanse bɔnnɔ so.

3 Nkrataa-kyerɛw anaa telefon so a wɔnam di afoforo adanse no yɛ ɔkwan a ɛfata a yebetumi afa so. Sɛ wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔawo foforo siesie wɔn ho bɔ mmɔden a, wɔn mpo betumi adi wɔn a wɔbɛsra wɔn no adanse wɔ bɔnnɔ so. Bible, nkratawa, ne nsɛmma nhoma a yɛbɛfa bi daa na yɛafa anifere kwan so adan yɛne afoforo nkɔmmɔbɔ akɔ Ahenni no so no betumi aboa kɛse. Sɛ yɛde eyinom nyinaa di dwuma kɛse na yɛyɛ sankɔhwɛ a, ebetumi ama yɛanya anigye soronko a efi ofie Bible adesua mu ba no. Yiw, yebetumi anya hokwan de adi adanse daa.

4 Onuawa bi fii ase kenkanee Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no wɔ adwuma mu bere a na wɔregye wɔn ahome no. Ɔfrɛɛ ɔbea bi a ɔne no yɛ adwuma ma ɔne no kenkanee da no mu kyerɛwsɛm no, na ankyɛ koraa na ɔne ɔbea no fii Bible adesua ase. Onuawa no mmɔdenbɔ no maa onua bi a na wayɛ mmerɛw kɔhwehwɛɛ mmoa fii mpanyimfo hɔ na ɔsan bɛyɛɛ den. Onuawa yi tumi boaa nnipa baanu esiane sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ obetua n’aboade daa no nti.—Dw. 61:8.

5 Kyɛ Wɔ Asɛnka mu na Fa Wo Kyerɛwtohɔ Ma Ntɛm: Nokware a ɛma nkwa no ho kɔm de nnipa pii. Nnɔnhwerew pii a yɛde bɛyɛ asɛnka adwuma de aboa saafo no so betumi aba mfaso. Dodow a yɛkyɛ wɔ asɛnka mu no, dodow no ara na yebetumi anya osuahu a ɛyɛ anigye, ayɛ sankɔhwɛ a ɛsow aba, na yɛayɛ Bible adesua a ɛsow aba.

6 Nea ɛbɛyɛ a yɛn kyerɛwtohɔ nka akyi bere nyinaa no, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa yɛn kyerɛwtohɔ mma ntɛmso ɔsram biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena