Nya Obu Kɛse Ma Yehowa Din Pa No
1 Satan de ahohorabɔ baa Onyankopɔn din so bere a ɔdaadaa yɛn awofo a wodi kan no ma wɔyɛɛ bɔne no. Ɔbonsam nam anifere so kyerɛe sɛ Yehowa anka nokware ankyerɛ Adam. (Gen. 3:1-5) Esiane sɛ Onyankopɔn din kyerɛ sɛ otumi ma n’asɛm bam nti, asɛm a Satan kae no bɛyɛɛ ntwiri a ɛsen biara. Yehowa nam n’atirimpɔw a wama anya mmamu nkakrankakra no so ayi ahohorabɔ afi ne din so na wama ɛho aba nyam.—Yes. 63:12-14.
2 Yɛyɛ nkurɔfo a Yehowa de ‘ne din ato yɛn.’ (Aso. 15:14, 17) Eyi ma yenya hokwan de kyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ ɛho a ɛbɛtew no ho. Yehu sɛ Yehowa din wɔ anuonyam ankasa efisɛ ɛkyerɛ biribiara a eye, ayamye, ɔdɔ, mmɔborohunu ne trenee. Onyankopɔn anuonyam din kɛse no ma yɛbɔ hu paa. (Dw. 8:1; 99:3; 148:13) Ɛsɛ sɛ eyi ma yɛyɛ dɛn?
3 Ma Onyankopɔn Din Ho Ntew: Yentumi mma Onyankopɔn din ho ntew kɛse nsen sɛnea ɛte no. Nanso yɛnam yɛn abrabɔ pa ne Ahenni asɛnka no so betumi akyerɛ sɛ yɛwɔ obu a ɛsen biara ma Onyankopɔn din. Momma yɛmpaem nka sɛ: “Monkamfo [Yehowa, NW], mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so!” (Yes. 12:4) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?
4 Yebetumi de hokwan biara aka Yehowa din ne nea ɛkyerɛ nyinaa ho asɛm. Yɛn asɛnka adwuma no hyɛ Yehowa anuonyam, sɛ ɛyɛ bɔnnɔ so anaasɛ, ɛyɛ afie afie anaa aguadidan mu, sɛ ɛyɛ mmɔnten so anaa telefon so. Sɛ yenya anigyefo a wotie asɛm no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pɔtee san kɔkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa ho nsɛm pii. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔkwan biara so yedi nhyehyɛe a yɛayɛ no so na yɛkɔ so bɔ mmɔden sɛ yebefi ofie Bible adesua pii ase. Anigyesɛm ne sɛ, afe biara nnipa ɔpehaha pii behu Yehowa din pa no, wɔkyerɛ obu ma na wɔtew ho.
5 Yɛn koma nyinaa mu a yefi nya dwumadi a wɔde tew Onyankopɔn din ho no mu kyɛfa kyerɛ ɔfa a yegyina wɔ ɔsɛmpɔw a Satan ma ɛsɔree wɔ Eden no mu pefee. Eyi ne adwuma a ɛsom bo kɛse na nidi wom sen biara a yebetumi ayɛ. Momma yɛnkyerɛ obu kɛse mma Yehowa anuonyam din no na yɛmfa nnamyɛ nkamfo!—1 Be. 29:13.