Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/99 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
Yɛn Ahenni Som—1999
km 8/99 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Yebetumi de nhomawa a edidi so a ekura nkratafa 32 yi mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Baabi a ɛfata no, yebetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama. September: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kra. November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu.

◼ Yɛde nkratasin a ɛdɔɔso a wɔde bedi dwuma wɔ 2000 ɔsom afe no mu remena asafo biara. Yɛsrɛ sɛ momfa nkrataa yi nni dwuma nyansam. Ɛsɛ sɛ mode di dwuma wɔ ɔkwan a wɔakyerɛ nkutoo so. August 3, 1998 krataa a yɛde kɔmaa ahwɛfo aguamtrafo ne akyerɛwfo nyinaa ne April 1999 Yɛn Ahenni Som kratafa 7 no kyerɛɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ asafo biara kra.

◼ Asafo biara nsa bɛka “Literature Inventory” nkratasin (S-18) abiɛsa. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo ne nhoma sohwɛfo no hyia ntɛm wɔ August mu na wɔhyɛ da a wɔde bɛkan nhoma a asafo no wɔ wɔ ɔsram no awiei. Ɛsɛ sɛ wɔkan nhoma a wɔwɔ nyinaa ankasa, na wɔkyerɛw dodow no wɔ “Literature Inventory” nkratasin no so. Mubetumi agye nsɛmma nhoma a ɛwɔ hɔ no dodow afi nea ɔhwɛ so no hɔ. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Asafo ti no ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ nhoma no kan so, na ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ kratasin no mu bere a wɔahyehyɛ awie no. Ɔkyerɛwfo no ne ɔhwɛfo guamtrani no nyinaa de wɔn nsa bɛhyɛ ase.

◼ Yɛde nkrataa ahorow abien remena asafo ahorow nyinaa ma wɔde akra “controlled stock” nneɛma te sɛ Yearbook, Ɔwɛn-Aban Bound Volume, lapɛl baagye a wɔkra no afe biara no. Mpanyimfo betumi akɔhwɛ krataa a ɛne FA:SH a yɛkyerɛw no May 13, 1994 no na wɔahu ɛho akwankyerɛ horow. Yɛsrɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no nhwɛ nhu sɛ wɔahyehyɛ nkrataa no pɛpɛɛpɛ ma ebedu September 30, 1999 no, na wɔde aba baa dwumadibea.

◼ Wɔahyehyɛ nnwom a yɛto wɔ asafo nhyiam ase no ma atwe adwene asi asɛm a yesusuw ho no so. Nnwom a asafo no to wɔ kasa a wɔde yɛ wɔn asafo nhyiam mu no ma etu mpɔn. Eyi nti Asafo no abɔ mmɔden kɛse akyerɛ yɛn nnwom nhoma no ase kɔ Ewe ne Twi kasa mu. Nanso, yɛahyɛ no nsow sɛ Ewe ne Twi asafo ahorow no mu pii nto nnwom no wɔ wɔn kasa mu wɔ wɔn nhyiam ase. Esiane sɛ mprempren yɛwɔ Ewe nnwom nhoma akɛse a ne nkyerɛwee yɛ akɛseakɛse ne Twi nnwom nhoma nketewa no bi wɔ hɔ nti, yɛhyɛ asafo ahorow a wɔka kasa abien yi no nkuran sɛ wɔnhwɛ nnwom nhoma a Asafo ti no ayɛ ama wɔn no mu nto nnwom wɔ wɔn kasa mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena