Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! November: Dɛn Na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1986 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de True Peace and Security—How Can You Find It? nhoma no ama.
◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2000” na ɛsɛ sɛ wɔkora so na wɔde adi dwuma 2000 nyinaa.
◼ Ebia asafo ahorow bi nhyiam bere bɛsesa January 1. Yɛrekae asafo ahorow a wohyiam wɔ Ahenni Asa koro so no mu ɔsom boayikuw ahorow sɛ wonhyiam wɔ October anaa November mu nsusuw nsɛm a ɛfa nsakrae a wɔbɛyɛ wɔ nhyiam bere ho no ho sɛnea yɛn krataa a yɛkyerɛw kɔmaa asafo ahorow nyinaa wɔ October 7, 1994, mu kyerɛe no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wonnya mfaa wɔn 1999 “Special Annual Literature Order Form” (S-14 Special) no mmenae no de mena mprempren. Yɛsrɛ sɛ, monkae sɛ, sɛ moamfa krataa soronko a wɔde kra nneɛma yi ammena ntɛm a, mo asafo no nsa renka Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2000 ne nneɛma a wɔkra ma wɔn a wobisa no.
◼ Wɔapene so sɛ yɛntrɛw Ghana Baa Dwumadibea no adan mu afe a edi hɔ no mu. Wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ adansi dwumadi ahorow mu a wɔbɛpɛ sɛ wotu wɔn ho ma bɛboa adwuma no betumi de ho akwammisa afa wɔn asafo mu mpanyimfo so abrɛ Asafo ti no.
[Kratafa 7 adaka]
◼ Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ nsakrae yi na wɔayɛ ama amansin a ɛbɛkɔ “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ Obuasi no:
December 10-12, 1999
Amansin 31A, 43
December 17-19, 1999
Amansin 11, 42 (fã bi)