Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/99 kr. 1
  • Asɛnka Adwuma no Ma Yɛda Nsow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnka Adwuma no Ma Yɛda Nsow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobɔ “Nnwuma Pa Ho Mmɔden”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Suasua Nsi a Yesu De Kaa Asɛmpa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 11/99 kr. 1

Asɛnka Adwuma no Ma Yɛda Nsow

1 Nnipa pii bisa sɛ, “Dɛn na ɛma Yehowa Adansefo da nsow wɔ ɔsom afoforo ho?” Anka wubebua dɛn? Wubetumi akyerɛkyerɛ yɛn gyidi horow a egyina Bible so no bi mu. Nanso so woasusuw sɛnea yɛn baguam asɛnka adwuma no ma yɛda nsow wɔ ɔsom afoforo ho no ho?—Mat. 24:14; 28:19, 20.

2 Ɛnnɛ, nyamesomfo kakraa bi na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ nnipa foforo. Ebia wobesusuw sɛ di a wobedi Kaesare mmara so, abu bra pa, na wɔayɛ nnwuma pa ama afoforo no ara dɔɔso. Nanso, wonhu hia a ehia sɛ wɔboa afoforo ma wosua nea Bible no ka fa nkwa a wobenya ho no. Dɛn na ɛma yɛda nsow?

3 Asɛnka adwuma a yɛde nsi yɛ no da nsow koraa wɔ nnwuma a wɔyɛ wɔ ɔsom afoforo mu no ho. Bɛboro mfe 100 ni na nnɛyi Adansefo de nnamyɛ aka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa sɛnea tete Kristofo no yɛe no. Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ yɛbɛboa nnipa pii ma wɔayɛ nea Onyankopɔn pɛ wɔ wɔn asetram.—1 Tim. 2:4; 2 Pet. 3:9.

4 Wonim Wo Dɛn? So wonim wo sɛ obi a ɔde nsi kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no mu? (Aso. 17:2, 3; 18:25) So wonam asɛnka adwuma a woyɛ no so ma w’afipamfo hu nsonsonoe a ɛda wɔn som ne wo de ntam no ntɛm ara? So wonim wo sɛ obi a ɔde ahopere ka n’anidaso ho asɛm kyerɛ afoforo? So woayɛ nhyehyɛe a ɛma wutumi kɔ asɛnka daa? Kae sɛ ɛnyɛ din a ɛda yɛn so no nkutoo na ɛma yɛda nsow, na mmom nea edin no hwehwɛ sɛ yɛyɛ nso—Yehowa ho adanse a yebedi.—Yes. 43:10.

5 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Nyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa no na ɛka yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no. (Mat. 22:37-39) Enti na yɛpɛ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya ka Ahenni ho asɛm no kyerɛ afoforo sɛnea Yesu ne n’asomafo no yɛe no. Momma yɛnkɔ so mfa nsi nka asɛmpa no nkyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotie nyinaa. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛboa komapafo ma “wɔahu nsonoe a ɛda . . . nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”—Mal. 3:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena