Suro Yehowa Bere Nyinaa
1 “Nyansa mfiase ne [Yehowa, NW] suro.” (Dw. 111:10) Ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nnwuma pa na ɛboa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho. (Mmeb. 16:6) Saa suro yi yɛ obu a emu dɔ a yɛwɔ ma yɛn Bɔfo no, na ɛma yɛtwe yɛn ho fi nneyɛe a ɔmpɛ ho. Ɛyɛ su a ɛsɛ sɛ yɛpere nya na yɛda no adi bere nyinaa.—Mmeb. 8:13.
2 Da biara da no, Satan wiase honhom no de nhyɛso kɛse ba yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ na yɛafa ne kwammɔne no so. (Efe. 6:11, 12) Yɛn nipadua a ɛtɔ sin no nya adebɔne ho akɔnnɔ bere nyinaa. (Gal. 5:17) Enti, sɛ yebetumi adi Yehowa mmara so, anya anigye, na yɛanya nkwa a, ɛsɛ sɛ yesuro no bere nyinaa.—Deut. 10:12, 13.
3 Wotu yɛn fo wɔ Hebrifo 10:24, 25 sɛ yenhyiam daa nhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, ‘ɛnkanka’ wɔ bere a yɛte mu yi mu. Sɛ yebetumi anya yɛn ti adidi mu wɔ awiei bere yi mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ nhyiam daa. Suro a yesuro sɛ yɛbɛyɛ nea ɛnsɔ Onyankopɔn ani no ka yɛn ma yɛkɔ nhyiam na yɛkyerɛ ho anisɔ kɛse. Wɔn a wosuro Onyankopɔn no bu Kristofo nhyiam a wɔbɛkɔ no sɛ hokwan a ɛsom bo.
4 Ahenni ho asɛmpa no a yɛka no nso yɛ ɔkwan foforo a yɛfa so da no adi sɛ yesuro Nyankopɔn. (Mat. 28:19, 20; Aso. 10:42) Atirimpɔw titiriw a yɛde ka asɛmpa no ne sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔasuro Yehowa na wɔayɛ n’apɛde. Yɛyɛ eyi denam sankɔhwɛ, mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ ofie Bible adesua, ne afoforo a yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara nyinaa, no so. Yɛnam saayɛ so kyerɛ sɛ yesuro Yehowa na yɛdɔ yɛn mfɛfo.—Mat. 22:37-39.
5 Wɔn a wonsuro Onyankopɔn no nkyerɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ, na wonya wiase no honhom anaa su, a edi awu no bi. (Efe. 2:2) Momma yensi yɛn bo sɛ ‘yɛbɛsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ osuro ne nidi mu.’ (Heb. 12:28) Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya nhyira sɛ wɔn a wosuro Yehowa daa.