Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1986 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wɔwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nso betumi de ama. February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, anaa nhoma biara a ekura nkratafa 192 a mo asafo no wɔ bi. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden kɛse de afi ofie Bible adesua ase.
◼ Monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm foforo no abɔ mo Ahenni Asa no so ntɛm ara wɔ January 1. Ɛsɛ sɛ asafo biara kyerɛw afe asɛm no sɛnea yɛakyerɛw no Yɛn Ahenni Som mu no. Afe asɛm no ne: “Munnyina hɔ pɛ na munnya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.”—Kol. 4:12, NW.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu December 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ muwie eyi a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a morebɔ sikasɛm ho amanneɛ bere foforo no.
◼ Yɛbɛyɛ afe 2002 Nkaedi no Yawda, March 28, bere a owia akɔtɔ.