Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/01 kr. 8
  • Di Adanse sɛ Ofipamfo Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di Adanse sɛ Ofipamfo Pa
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afipamfo Pa Yɛ Mfasode
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Dɔ Wo Yɔnko Sɛ Wo Ho”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nea Yɛyɛ De Kyerɛ Sɛ Yɛdɔ Yɛn Yɔnko
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • ‘Wodɔ Wo Yɔnko sɛ Wo Ho’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 4/01 kr. 8

Di Adanse sɛ Ofipamfo Pa

1 Yesu kae sɛ “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mat. 22:39) Akyinnye biara nni ho sɛ ‘woyɛ mfɛfo gyidifo nyinaa yiye,’ nanso, so wubetumi atrɛw wo dɔ mu ma ebi aka wɔn a wo ne wɔn te no? (Gal. 6:10) Wɔ akwan bɛn so?

2 Denam Wo Ho a Wobɛda no Adi So: So w’afipamfo nim sɛ woyɛ Ɔdansefo? Sɛ wonnim a, dɛn nti na wonkɔ wɔn hɔ asɛnka? Nea ebefi mu aba no betumi ama wo ho adwiriw wo! Anaasɛ wopɛ a, wubetumi adi wɔn adanse bɔnnɔ so. Bere a wonam abɔnten no, wubetumi ahu sɛ wɔresiesie wɔn afie ho anaasɛ wɔretu mpasa mmɔnten so. Fa animtew bɛn wɔn. Bɔ mmɔden ka wo gyidi ho asɛm, kyerɛ wɔn faako a Ahenni Asa si, ne nea ɛkɔ so wɔ hɔ, na ma wonhu wɔn a wofi mpɔtam hɔ kɔ nhyiam wɔ hɔ no. To nsa frɛ wɔn ma wɔmmra nhyiam horow no. Si wo bo sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ obiara a wunim no.—Aso. 10:42; 28:23.

3 Denam W’abrabɔ Pa So: Su pa a woda no adi wɔ wo mpɔtam hɔ no ka wo ho nsɛm pii na ebetumi ama woanya hokwan adi adanse. Afei nso ɛma ‘Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ho tew.’ (Tito 2:7, 10) Kyerɛ w’afipamfo ho anigye kɛse. Tew w’anim na da ntease adi. Mfa wo ho nhyehyɛ wɔn kokoam nsɛm mu na nkasa pii nso. Sɛ wɔn mu bi yare a, nya tema na boa no. Sɛ abusua bi tu ba mo mpɔtam hɔ a, kɔma wɔn akwaaba. Ayamye a ɛte saa no nya nkurɔfo so nkɛntɛnso pa na ɛsɔ Yehowa ani.—Heb. 13:16.

4 Denam Sɛnea Wo Fie Te So: Ofipamfo pa a wobɛyɛ no nso kyerɛ sɛ wobɛhwɛ wo fie yiye na woama hɔ atew. Ofie a emu tew na ɛho twa no ankasa yɛ adansedi. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ ofie a emu ntew na nneɛma fĩ atwa ho ahyia no mma nkurɔfo ntie Ahenni asɛm no. Enti, ɛho hia sɛ wobɛma wo fie, emu, ne wo kar ho atew na woasiesie no yiye.

5 Wɔn a wonni Kristofo asafo no mu a wobɛdwene wɔn ho no kyerɛ sɛ wowɔ yɔnkodɔ. Dɛn na ebetumi afi mu aba? Ebetumi aba sɛ ‘wo nneyɛe pa nti, wɔn mu bi bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.’—1 Pet. 2:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena