Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/01 kr. 1
  • Fa Wo Ho To Yehowa So Hwehwɛ Ahoɔden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Ho To Yehowa So Hwehwɛ Ahoɔden
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Ma Nea Wabrɛ Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Denhyɛ Tumi A Onyankopɔn Asɛm Wɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • ‘Hwehwɛ Yehowa Ne Ne Tumi Akyi Kwan’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • “Ɔbɛma Moayɛ Den”​—Ɔbɛyɛ No Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 11/01 kr. 1

Fa Wo Ho To Yehowa So Hwehwɛ Ahoɔden

1 Esiane nneɛma pii nti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Asɛmpa no a yɛbɛka wɔ “wiase nyinaa” no nyɛ adwuma a ɛda fam. (Mat. 24:14) Yɛne yɛn honam a ɛyɛ mmerɛw no di apere bere nyinaa. (Rom. 7:21-23) Afei nso, ‘yɛne wiase yi sum mu atumfo [a wɔkorɔn sen nnipa] na anya.’ (Efe. 6:11, 12) Ɛda adi pefee sɛ, yehia mmoa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahoɔden afi Yehowa hɔ?

2 Denam Mpaebɔ So: Yehowa fi ɔpɛ mu de ne honhom kronkron a ɛwɔ tumi no ma n’asomfo a wobisa no. (Luka 11:13) So wunni ahotoso a wode di adanse wɔ afie afie, mmɔnten, anaa telefon so? So wusuro sɛ wubedi adanse wɔ bɔnnɔ so? So anibiannaso a ɔmanfo yɛ wɔ asasesin no mu no ama wo mmɔdenbɔ so atew? Na sɛ wɔhyɛ wo sɛ gyae wo gyidi mu siesie anaa wo mudi mu kura nso ɛ? Fa wo ho to Yehowa so. Bɔ mpae hwehwɛ ahoɔden.—Fil. 4:13.

3 Denam Kokoam Adesua So: Sɛnea yɛnam honam fam aduan a yedi so nya ahoɔden no, saa ara na Onyankopɔn Asɛm ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma ahorow a yesua no daa no hyɛ yɛn den wɔ honhom fam. (Mat. 4:4; 24:45) Bere a wobisaa Stanley Jones dekode a ɛhyɛɛ no den ma ogyinaa mfe a ɔde daa obiakofo afiasedan mu wɔ China a na Bible nni ne ho ano no, ɔkae sɛ: “Yebetumi agyina pintinn wɔ gyidi mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yedi kan sua ade. Sɛ yɛansua ade a, yennya ahoɔden biara.”

4 Denam Nhyiamkɔ So: Wɔ afeha a edi kan mu Kristofo nhyiam bi ase no, Yuda ne Silas “de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den.” (Aso. 15:32) Saa ara na nnɛ, nea yɛte wɔ nhyiam ahorow ase no hyɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu den, ɛhyɛ yɛn gyidi den, na ɛhyɛ yɛn den wɔ ɔsom adwuma no mu. Nhyiam ahorow no ma yɛne ‘Onyankopɔn ahenni ho yɔnko adwumayɛfo’ a wɔma yɛn “awerɛkyekye” no nya nkitahodi daa.—Kol. 4:11.

5 Yehia mmoa wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Tim. 3:1) Ɛdefa wɔn a wɔhwehwɛ ahoɔden fi Yehowa hɔ ho no, wɔma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.”—Yes. 40:31.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena