Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Nov. 15
“Yɛate asɛm a ɛne sɛ ‘Yesu wu maa yɛn’ no. [Ka asɛm a ɛwɔ Yohane 3:16 no.] Woasusuw ɔkwan a nipa biako wu betumi ama yɛn nyinaa anya nkwa no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible ma yɛn mmuae a emu da hɔ. Asɛm yi, ‘Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?,’ kyerɛkyerɛ mu pefee.”
Nyan! Dec. 8
“So wususuw sɛ nnipa reyɛ nea wobetumi nyinaa de abɔ abɔde a atwa yɛn ho ahyia no ho ban? [Ma ommua.] Nnipa pii ntumi nhu sɛ abɔde a nkwa wom a ɛwɔ asase so no betumi atra hɔ daa anaa. Anigyesɛm ne sɛ ɛho hia Onyankopɔn paa. [Kenkan Nehemia 9:6.] Nyan! ka nea ɛbɛba asase so abɔde a nkwa wom so daakye ho asɛm.”
Ɔwɛn-Aban Dec. 1
“Saa bere yi wɔ afe yi mu no, nkurɔfo pii kyɛ ade na wɔyɛ ayɛ wɔ akwan afoforo so a wonni adagyew koraa. Eyi ma yɛkae Mmara Pa no. [Kenkan Mateo 7:12.] Wususuw sɛ yebetumi adi ahyɛde a ɛte saa so afe mũ no nyinaa? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yenya nsɛm pii a yebesusuw ho wɔ ‘Mmara Pa No—So Mfaso Da So Wɔ So?’” no ho.
Nyan! Dec. 8
“Bible hyɛ bɔ sɛ da bi bɛba a obiara renka sɛ, ‘Magurow!’ [Kenkan Yesaia 33:24.] Nea ɛne saa bɔhyɛ no hyia no, Nyan! yi twe adwene si nyarewa a ɛyɛ nnipa ɔpepem pii, mmofra ne mpanyin, no so. N’asɛmti ne ‘Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wɔyare Ɔkwaha.’ Migye di sɛ wubehu sɛ aba wɔ saa nsɛm yi mu.”