Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/02 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2002
Yɛn Ahenni Som—2002
km 1/02 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1987 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wɔwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ no bi nso betumi de ama. February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, anaasɛ nhoma dedaw biara a ekura nkratafa 192 a mo asafo no wɔ bi. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden titiriw sɛ yebefi ofie Bible adesua ase. April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ obi kyerɛ ho anigye bere a woakɔyɛ sankɔhwɛ no a, wubetumi ama wakra bi. Fa Ahwehwɛde nhomawa no ma a adwene no ne sɛ wubefi Bible adesua ase.

◼ Yenyaa adawurubɔfo nkɔanim foforo a ɛyɛ 68,165! Ɛno na yenyae wɔ September 2001 mu. Eyi kyerɛ sɛ yɛde adawurubɔfo bebree a wɔkɔɔ asɛnka na efii ɔsom afe no ase wɔ ɔkwampa so. Yɛyɛɛ Bible adesua 156,607, na sɛ yɛkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɔdawurubɔfo biara yɛɛ bɛboro abien. Sɛ yɛde toto September 2000 akontaabu no ho a, ɛkyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ yenyaa nkɔanim a ɛhyɛ nkuran wɔ adwuma no afã horow nyinaa mu. Yɛsrɛ sɛ montoa adwuma pa no so!

◼ Adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔba Ɔsom Nhyiam ase wɔ January 14 dapɛn no mu nyinaa betumi agye “Advance Medical Directive/Release” kratasin no bi ne “Identity Card” a wɔde bɛma wɔn mma.

◼ Efi March 3 no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo befi ase ama ne “ Ahobammɔ a Yebenya Wɔ Wiase a Emu Yɛ Hu Mu.”

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata de di afe yi Nkaedi no Yawda, March 28, bere a owia akɔtɔ. Ɛwom sɛ mubetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ mode bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Ɛwom sɛ ɛfata sɛ asafo biara yɛ n’ankasa Nkaedi de, nanso eyi ntumi nyɛ yiye bere nyinaa. Baabi a asafo ahorow bi hyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa nea ɛboro saa betumi ahwehwɛ ɔdan foforo a wɔbɛyɛ wɔ hɔ saa anwummere no. Yɛhyɛ nyansa sɛ, sɛ ebetumi ayɛ yiye a, momma bɛyɛ simma 40 nna dwumadi no ntam na ama mo nyinaa atumi anya afahyɛ no so mfaso pii, anya bere akyiakyia ahɔho na moahyɛ anigyefo afoforo nkuran. Ɛsɛ sɛ mususuw kar nkyereso ne mmeae a wɔde kar besisi, a baabi a afoforo bɛforo kar ne baabi a wobesi ka ho no ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no si gyinae wɔ nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no ho.

◼ Sɛ ɔhwɛfo guamtrani no nsa ka sikasɛm ho kyerɛwtohɔ fi Asafo ti no hɔ ɔsram biara a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma wɔkenkan Asafo Ti Ahenni Asa Foto ne wiase nyinaa adwuma no ho ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka no ka sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ no ho kyerɛ asafo no.

◼ Wɔresakra Chinese ne Chinese Kasa a Ne Sua Nyɛ Den no mu Nyan! a ɛba adapɛn abien biara no ayɛ no nea ɛbɛba ɔsram biara.

◼ Wɔresakra Zulu kasa mu Nyan! a ɛbaadapɛn abien biara no ayɛ no nea ɛbɛba ɔsram biara.

◼ Video Foforo a Ebi Aba:

Warning Examples for Our Day (Drama)—Amerika Mum Kasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena