Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden titiriw sɛ yebefi ofie Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ka kyerɛ afiewuranom sɛ, sɛ wɔpɛ a wobetumi ayi ntoboa wɔ wiase nyinaa adwuma no ho. Sɛ obi kyerɛ ho anigye a, fa Ahwehwɛde nhomawa no ma no na bɔ mmɔden titiriw sɛ wubefi Bible adesua ase. June: Dɛn Na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaasɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi a, fa nhomawa a ɛfata a mo asafo no wɔ bi ma no.
◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren, na wɔde wɔn akwammisa krataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka nhyehyɛe a ehia, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a ɛdɔɔso agu hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene so sɛ wɔnsom sɛ akwampaefo aboafo no din kyerɛ asafo no ɔsram biara.
◼ Yɛbɛyɛ Nkaedi no Yawda, March 28, 2002. Sɛ mo asafo no yɛ ne nhyiam Yawda a, ɛsɛ sɛ mode hyɛ dapɛn no mu da foforo a mo Ahenni Asa no da hɔ kwa. Sɛ eyi ntumi nyɛ yiye na sɛ ɛka mo Ɔsom Nhyiam no a, mubetumi de dwumadi no afã horow a ɛfa mo asafo no ho titiriw no aka Ɔsom Nhyiam foforo ho.
◼ Asafo ti no nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma ɔsram biara no abrɛ Asafo ti no na ama obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no ntra mo adwenem.
◼ Ɛho hia sɛ akuw a emu nnipa yɛ 20 anaa nea ɛboro saa a wɔreyɛ nhyehyɛe abɛhwɛ baa dwumadibea no di kan kyerɛw ho krataa. Ɛsɛ sɛ mokyerɛw krataa no brɛ Watch Tower Society, P. O. Box GP 760, Accra. Yɛsrɛ sɛ monkyerɛ nnipa dodow a wɔreba, da ne bere a mobɛba. Yɛsrɛ sɛ ansa na mobɛba no, munsusuw March 1998 Yɛn Ahenni Som no Asɛmmisa Afã a ɛfa ahosiesie ne ntade a ɛfata bere a wɔrekɔsra Betel afie ho no ho.
◼ Mprempren wɔde nkyerɛwee akɛse tintim Ɔwɛn-Aban no wɔ Efik, Igbo, ne Yoruba kasa mu.
◼ Wɔde Roma (anaa Latin) nkyerɛwee na ebetintim Azerbaijani kasa mu nhoma ahorow a ɛbɛba daakye no nyinaa. Wɔbɛkɔ so de Cyrillic kasa atintim bi akosi bere bi.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Aba:
Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu (Nea Ne Nkyerɛwee Yɛ Akɛse)—Engiresi
Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II (Nea Ne Nkyerɛwee Yɛ Akɛse)—Engiresi
◼ Kasɛt Foforo a Aba
Respect Jehovah’s Authority—Engiresi
◼ Nhoma a Ebi Asan Aba
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm—Engresi, Twi
Questions Young People Ask—Answers That Work—Engiresi