Yɛn Gyidi Kanyan Yɛn Ma Yɛyɛ Nnwuma Pa
1 Gyidi maa Noa, Mose, ne Rahab yɛɛ biribi. Noa pam adaka. Mose poo Farao ahemfie asetra mu mfaso horow a na ɛyɛ bere tiaa mu de. Rahab de akwansrafo no siei na afei otiee wɔn akwankyerɛ na ogyee ne fifo nkwa. (Heb. 11:7, 24-26, 31) Nnwuma pa bɛn na yɛn gyidi kanyan yɛn ma yɛyɛ nnɛ?
2 Adansedi: Gyidi kanyan yɛn ma yɛka yɛn Nyankopɔn nwonwafo no ne ne nsiesiei a ɛbɛma yɛanya anigye a enni awiei ho asɛm. (2 Kor. 4:13) Ɛtɔ da bi a, ebia yɛbɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebedi obi adanse. Nanso sɛ yɛde ‘Yehowa si yɛn anim daa’ a, ɛhyɛ yɛn den na ehu no brɛ ase. (Dw. 16:8) Afei yɛn gyidi kanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no kyerɛ abusuafo, afipamfo, adwumayɛfo, sukuufo, ne afoforo wɔ bere biara a ɛfata mu.—Rom. 1:14-16.
3 Nhyiam a Yɛbom Yɛ: Asafo nhyiam a yɛkɔ daa no yɛ adwuma pa foforo a gyidi ma yɛyɛ. Ɔkwan bɛn so? Ɛda no adi sɛ yegye di sɛ Yesu ka yɛn ho denam Onyankopɔn honhom kronkron so bere a yehyiam wɔ Kristofo nhyiam ase no. (Mat. 18:20) Ɛda su a ɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ ‘yetie nea honhom no ka kyerɛ asafo no’ adi. (Adi. 3:6) Yɛfa nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ hɔ no aniberesɛm efisɛ yɛde yɛn gyidi aniwa hu sɛ nea ɔkyerɛkyerɛ yɛn no ne Yehowa, yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no.—Yes. 30:20.
4 Nneɛma a Yɛpaw: Gyidi a emu yɛ den a yɛwɔ wɔ nneɛma a yenhu mu no kanyan yɛn ma yɛde honhom fam nneɛma di kan wɔ yɛn asetra mu. (Heb. 11:1) Eyi ma yɛtaa de honam fam nneɛma bɔ afɔre. Sɛ nhwɛso no, ɔpanyin bi poo adwuma bi a na ɛbɛma wanya sika pii efisɛ na ɛbɛma asafo nhyiam horow apa ne ti so, ɛbɛtwe no afi n’abusua ho, na na ɛbɛma wagyae n’akwampae adwuma. Momma yɛn nso yennya Bible mu bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa de nea ‘wɔn a wɔhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan no’ hia bɛma wɔn no mu ahotoso koraa.—Mat. 6:33.
5 Afoforo hu nkɛntɛnso kɛse a gyidi nya wɔ yɛn asetra so no. Nokwarem no, wonim yɛn gyidi wɔ wiase nyinaa. (Rom. 1:8) Enti, momma yɛn nyinaa mfa yɛn nnwuma pa nkyerɛ sɛ yɛn gyidi nwui.—Yak. 2:26.