Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
Wɔ March ne April asram no mu no, yenyaa nkɔanim bi wɔ adan foforo a wɔbɛda mu, Ahenni Asa ne Ahɔhogyebea ne gyaade foforo no ho adwuma mu. Sɛ nhwɛso no, yefii Ɔdan a Wɔbɛda Mu a Ɛto so 3 no ho kokwaw ne ɛso kuru ase, na mprempren yɛawie Ɔdan a Wɔbɛda Mu a Ɛto so 2 no to, yɛretwɛn sɛ yebekuru so. Eduu April awiei no, na yɛakokwaw Ahenni Asa ne Ahɔhogyebea foforo no ho akuru so awie. Yɛhwɛ kwan sɛ yebefi ase aka ho, ayɛ nsɛmso no, na yɛato mu tiles wɔ May mu.
Afei nso Ahenni Asa ne Ahɔhogyebea dedaw no a yɛde bɛyɛ adwumayɛbea dan a Ɛto so 4 no mu a yɛretrɛw no akɔ anim yiye. Wɔayɛ abrannaa no afi ase reto emu adan no rekuru so.
Nkɔanim a yɛanya mprempren no kyerɛ sɛ ebedu June mfinimfini no, na yɛawie Gyaade foforo no ma yɛde adi dwuma. Anigyesɛm foforo ne sɛ wɔabue afiri a edi nsufi ho dwuma ne nsukorabea adan no ano na yɛde di dwuma mprempren.