Akenkan a Ɛyɛ Dɛ Ankasa!
So wunnye ntom sɛ ɛte sɛ nea Ɔwɛn-Aban a atwam mu nsɛmti a edidi so yi yɛ dɛ ankasa?
“Onyankopɔn Nim Ne De na Ɔbɔ Wɔn Ho Ban”
“Mmɔden a Yɛbɛbɔ De Adi Tɛkrɛma no So”
“Bere a Kristosom So Katae”
“Apon Ano Asɛnka a Yɛbɛma Atu Mpɔn”
“Asɛmmisa, So Woagye Wo?, a Yebebua”
Saa nsɛm yi ne afoforo pii puee Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ afe 1951 ne 1952 mu no mu. So ayɛ dedaw araa sɛ yebenya so mfaso nnɛ? Ɛnte saa koraa! Wubetumi anya afe 1951 ne 1952 Ɔwɛn-Aban po no bi wɔ Engiresi kasa mu. (Po ahorow bi a ɛwɔ Engiresi kasa mu fi afe 1953 kosi 1959 mu nso bi wɔ hɔ.) Ɔdawurubɔfo biara a ɔpɛ Ɔwɛn-Aban po ahorow yi bi no betumi akra bi seesei denam onua a ɔhwɛ nhoma so wɔ asafo no mu so.
Ɛsɛ sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no hwɛ sɛ ebia po ahorow no bi ayera wɔ Ahenni Asa so nhomakorabea no mu, na ama wakra bi ahyɛ ananmu.