Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/03 kr. 2
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2003
Yɛn Ahenni Som—2003
km 2/03 kr. 2

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Yɛde nhoma foforo, Bɛn Yehowa, bɛma. Baa dwumadibea ahorow a wɔn nsa nnya nkaa saa nhoma yi bi no betumi de Creation nhoma no anaa Adiyisɛm Awiei nhoma no ama. March: Momfa Nimdeɛ nhoma no mma, na mommɔ mmɔden sɛ mubefi ofie Bible adesua ahorow ase. April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa mma. Sɛ mokɔ anigyefo nkyɛn kɔyɛ sankɔhwɛ, na sɛ ebia wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa teokrase nhyiam foforo bi ase nanso wɔmfaa wɔn ho mmɔɔ asafo no ankasa ka ho a, momfa mo adwene nsi so sɛ mode Som Nokware Nyankopɔn Koro No bi bɛma wɔn. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden biara sɛ mubefi ofie Bible adesua ase, titiriw sɛ ankorankoro no bi asua Nimdeɛ nhoma no ne Ahwehwɛde nhomawa no dedaw a.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no. Kenkan wiase nyinaa adwuma no ho ntoboa ne ntoboa foforo biara a ahyehyɛde no ayɛ ho nhyehyɛe a mo asafo no de akɔma asafo ti na wɔakyerɛw mo sɛ wɔn nsa aka no kyerɛ anuanom.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhyehyɛe ma wɔboa wɔn. Sɛ mopɛ ho nyansahyɛ ahorow a, monkenkan S-201 nkrataa a wɔkyerɛw no afe afe no. Monhwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyɛm 12-20 nso.

◼ Baguam kasa titiriw a wɔbɛma no afe 2003 Nkaedi bere mu no asɛmti bɛyɛ “So Babilon Atemmu Dɔn Adu?” Monhwɛ eyi ho nkaebɔ a ɛwɔ September 2002 Yɛn Ahenni Som mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena