Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Momfa Nimdeɛ nhoma no mma, na mommɔ mmɔden sɛ mubefi ofie Bible adesua horow ase. April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa mma. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ka kyerɛ afiewuranom sɛ, sɛ wɔpɛ a wobetumi ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no. Sɛ mokɔ anigyefo nkyɛn sankɔhwɛ a, momfa mo adwene nsi Som Nokware Nyankopɔn No a mode bɛma so. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden biara fi ofie Bible adesua ase, titiriw no sɛ ebinom asua Nimdeɛ nhoma no ne Ahwehwɛde nhomawa no awie dedaw a. June: Momfa Nimdeɛ nhoma no anaa Ahwehwɛde nhomawa no mma. Sɛ afiewuranom no wɔ saa nhoma yi bi dedaw a, momfa nhomawa foforo a ɛfata a mo asafo no wɔ bi nni dwuma.
◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren, na wɔde wɔn akwammisa nkrataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka nhyehyɛe a ehia, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma foforo a ɛdɔɔso agu hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene so sɛ wɔnsom sɛ akwampaefo aboafo no nyinaa din kyerɛ asafo no ɔsram biara.
◼ Baa dwumadibea no nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma ɔsram biara no abrɛ baa dwumadibea no, na ama obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no ntra mo adwenem.