Fa Som Nyankopɔn Nhoma no Yɛ Bible Adesua Ahorow
Wɔayɛ Som Nokware Nyankopɔn Koro No nhoma no sɛ wɔde bɛboa wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔanya nkɔso wɔ nokware no mu na ama anisɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu ayɛ den. Yebetumi ne Bible asuafo asua no sɛ adesua nhoma a ɛto so abien. June 2000 Yɛn Ahenni Som no kyerɛkyerɛɛ mu wɔ kratafa 8 sɛ: “Sɛ ɛba sɛ onipa no nnya nkɔso ntɛmntɛm, nanso ɔde nea ɔresua no di dwuma a, ɛsɛ sɛ wo ne no sua nhoma foforo bere a moawie Ahwehwɛde nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no. . . . Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ mudi kan sua Ahwehwɛde nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no ansa. Ɛsɛ sɛ wubu Bible adesua, sankɔhwɛ, ne bere a mode yɛ adesua no ho akontaa, sɛ ɛba sɛ osuani no bɔ asu ansa na moawie nhoma foforo no mpo a.”
Henanom bio na wobetumi anya Som Nyankopɔn nhoma no a wɔde bɛyɛ Bible adesua no so mfaso? Asɛm koro no ara toa so sɛ: “Sɛ wunim wɔn a wɔasua [Ahwehwɛde nhomawa no ne] Nimdeɛ nhoma no dedaw nanso wɔantumi anhyira wɔn ho so ammɔ asu a, wubetumi abisa wɔn sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔsan ne wɔn sua Bible no anaa.” Momma yɛmmɔ mmɔden biara sɛ yɛne saafo no de Som Nyankopɔn nhoma no befi Bible adesua ahorow ase wɔ March ne April mu.