Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/03 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
  • Yɛn Ahenni Som—2003
Yɛn Ahenni Som—2003
km 10/03 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ October 27, 2003 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntimu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ September 1 kosi October 27, 2003 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]

ƆKASA SU

1. Dɛn na afotu a wɔde ama wɔ 1 Timoteo 2:9 sɛ yɛnhyɛ “ntade a ɛsɛ” no kyerɛ, na ɔkwan bɛn so na eyi betumi aka asɛm a yɛka wɔ asɛnka agua so ne wɔ asɛnka mu no? [be-TW kr. 132 nky. 4-5]

2. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Bible nnyinasosɛm a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Yohane 2:15-17, Efesofo 2:2, ne Romafo 15:3 no nya sɛnea yesiesie yɛn ho no so nkɛntɛnso? [be-TW kr. 133 nky. 2-4]

3. Dɛn nti na akokoduru ho hia, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya akokoduru bere a yɛrekasa wɔ asɛnka agua so anaa yɛrenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no? [be-TW kr. 135 adaka; kr 136 nky. 5, adaka]

4. Sɛ́ “ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo no,” ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso maa yɛn wɔ Bible a wɔde di dwuma wɔ asɛnka mu no ho? (Adi. 3:14) [be-TW kr. 143 nky. 2-3]

5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Bible adi dwuma ma atu mpɔn kɛse? (Tito 1:9) [be-TW kr. 144 nky. 1, adaka]

DWUMADI 1

6. Adesua kyerɛ dɛn, na mfaso a yenya fi Onyankopɔn Asɛm a yesua daa mu no bi ne nea ɛwɔ he? [be-TW kr. 27 nky. 3; kr. 32 nky. 4]

7. Nea ɛne Yakobo 1:5, 6 hyia no, dɛn na ɛho hia bere a ɛsɛ sɛ yesisi gyinae bi a ɛho hia no? [w01-TW 9/1 kr. 28 nky. 4]

8. Dɛn ne mmere atitiriw, na dɛn nti na ɛso wɔ mfaso kɛse? [si-E kr. 282 nky. 27]

9. Ɔkwan bɛn so “na nea otwiri obi no” yɛ ɔkwasea? (Mmeb. 10:18) [w01-TW 9/15 kr. 25 nky. 3]

10. Ɔkwan bɛn so na nnipa bɛte sɛnea Yehowa bu bere no ase yiye wɔ wiase foforo no mu? [si-E kr. 283 nky. 32]

DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN

11. Ampa Anaa Atoro: Wɔ 1 Korintofo 2:9 no, na ɔsomafo Paulo reka nneɛma a Yehowa asiesie ama ne nkurɔfo anokwafo sɛ apɛgyade no ho asɛm. Kyerɛkyerɛ mu. [ip-2-TW kr. 366 adaka]

12. Sɔhwɛ ahorow bɛn na nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:13 fa ho, na ɔkwan bɛn so na Yehowa ma ‘kwan bɛda ho’? [w91-TW 10/1 kr. 10-11 nky. 11-14]

13. Ɔkwan bɛn so na ayamye ho nhwɛso a Yesu yɛe no ka Kristofo? (2 Kor. 8:9) [w92 1/15 kr. 16 nky. 10]

14. Ɔkwan bɛn so na na Mmara no yɛ ‘yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan’? (Gal. 3:24) [w02-TW 6/1 kr. 15 nky. 11]

15. Dɛn ne “wiase mfitiasesɛm” a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho na amma yɛanyera no? (Kol. 2:8)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena