Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Mubetumi de The Bible—God’s Word or Man’s?, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nso ama. January: Nhoma biara a wotintimii ansa na afe 1988 reba a ebia mo asafo no wɔ bi. Sɛ munni eyi mu biara bi a, yɛsrɛ sɛ monhwɛ sɛ asafo ahorow a ɛbemmɛn no wɔ nhoma dedaw pii a mubetumi agye bi de ayɛ adwuma anaa. Asafo ahorow a wonni nhoma dedaw no bi no betumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ ama. February: Bɛn Yehowa. Sɛ munni nhoma yi bi a, mubetumi de Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? anaasɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nso ama. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden yiye sɛ yebefi ofie Bible adesua ase. Sɛ nkurɔfo wɔ nhoma yi bi dedaw a, mubetumi de Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! ama.
◼ Yɛrekae anuanom a wɔhwɛ asafo no sikasɛm so no sɛ ɛsɛ sɛ wɔde ntoboa a wɔde gu Wiase Nyinaa Adwuma ne Ahenni Asa Foto nnaka mu no mena ɔsram biara na ɛnsɛ sɛ wɔde tua Ahenni Asa ho bosea anaa ɛka foforo biara a asafo no bɔ no.
◼ Wɔremmue baa dwumadibea no nna a edidi so yi: March 6, 2004 ne July 1, 2004. Wɔrenyɛ nhyehyɛe mma nsrahwɛ saa nna yi.
◼ Ɛrenkyɛ yɛde 2004 (Kwasida, April 4) Nkaedi nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo a ɛwɔ kasa titiriw a moka mu bɛbrɛ mo asafo no. Sɛ wɔka kasa foforo wɔ mo asasesin mu na mopɛ sɛ yɛbrɛ mo nkratasin no bi wɔ saa kasa horow no mu a, ɛsɛ sɛ mode “Literature Request Form” (S-14) no kra bi ntɛm ara. Nkaedi nkratasin a ɛwɔ Engiresi, Ewe, Ga, ne Twi kasa mu no bi wɔ hɔ. Yɛsrɛ sɛ monkra kasa a mubehia wɔ mo asasesin mu no nkutoo.
◼ Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ afe 2005 Nkaedi no bɛyɛ Yawda, March 24, bere a owia akɔtɔ. Esiane sɛ ɛyɛ bere titiriw nti, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no paw mpanyimfo a wɔfata kɛse no mu biako sɛ Nkaedi no ho ɔkasafo sen sɛ wɔbɛma obiara ama bi anaasɛ wɔbɛma ɔpanyin biako no ara ama afe biara. Sɛ ɔpanyin bi a ɔka nkaefo no ho a ɔfata wɔ hɔ a obetumi ama ɔkasa no a, ɛsɛ sɛ wɔpaw no.
◼ Monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm foforo no abɔ mo Ahenni Asa no so ntɛm ara January 1. Ɛsɛ sɛ asafo biara kyerɛw afe asɛm no sɛnea wɔakyerɛw no wɔ Yɛn Ahenni Som mu no. Afe asɛm no ne “Monwɛn . . . munsiesie mo ho nsie.”—Mat. 24:42, 44.
◼ MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ bere a yɛbɛyɛ amanaman ntam ne ɔmantam nhyiam no mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae a ehia na wɔatumi akɔ “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Amanaman Ntam ne Ɔmantam Nhyiam no bi. Momfa Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ ansa na moakɔ nhyiam no mu simma 15 ntĩ afotu a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ ɔsram a etwaam Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa mo hɔnom tebea ho no mu. Wɔ February 2004 mu no, wɔbɛyɛ Ɔsom Nhyiam biako de atĩ nhyiam no nsɛntitiriw mu. Yɛn nyinaa betumi akyerɛkyerɛw nsɛm a mfaso wɔ so wɔ nhyiam no ase, a ebi ne nsɛm a yɛpɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ yɛn ankasa asetra ne asɛnka mu. Afei yebetumi akyerɛ sɛnea yɛde saa nyansahyɛ ahorow no adi dwuma fi bere a yɛkɔɔ nhyiam no. Ɛbɛyɛ denhyɛ kɛse sɛ yɛbɛte sɛnea obiara nyaa nkyerɛkyerɛ pa a yɛn nsa kae no so mfaso.