Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa mma. Sɛ morekɔ nnipa a wɔkyerɛ anigye, a ebia wɔn a wɔba Nkaedi anaa teokrase dwumadi afoforo ase nanso wɔmfaa wɔn ho mmɔɔ ahyehyɛde no yiye nkyɛn sankɔhwɛ a, monhwɛ nhu sɛ mode Som Onyankopɔn nhoma no bɛma wɔn. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden biara sɛ mo ne ankorankoro a wɔasua Nimdeɛ nhoma no anaa Ahwehwɛde nhomawa no awie dedaw no titiriw befi ofie Bible adesua ase. June: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ ebinom ka sɛ wonni mma a, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma wɔn. Sɛ mode nhomawa no rema a, momfa mo adwene nsi ofie Bible adesua a mubefi ase so. July ne August: Nhomawa biara a ɛfata a ekura nkratafa 32.
◼ Ɛho hia sɛ baa dwumadibea no nya ahwɛfo aguamtrafo ne akyerɛwfo nyinaa address ne telefon nɔma a wɔda so ara de di dwuma no. Bere biara a wɔbɛsakra no no, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no kyerɛw krataa de bɛbɔ baa dwumadibea no amanneɛ ntɛm ara. Telefon nɔma a wɔsakra no nso ka ho.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo nya Application for Regular Pioneer Service (S-205) and Application for Auxiliary Pioneer Service (S-205b) nkratasin a ɛdɔɔso gu hɔ. Wobetumi de Literature Request Form (S-14) akra bi. Anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ munya nea ɛbɛso mo afe biako gu hɔ. Monhwehwɛ daa akwampaefo akwammisa nkrataa nyinaa mu nhwɛ nhu sɛ wɔahyehyɛ awie koraa, a da a nea obisa ho kwan no bɔɔ asu nso hyɛ so.