So Wo Som Adwuma no De Ayeyi Brɛ Yehowa?
1. Dɛn na ɛsɛ sɛ adawurubɔfo nyinaa ma ɛtra wɔn adwenem wɔ asɛnka ho?
1 Asɛnka a obi de ne ho behyem no yɛ hokwan a ɛsen biara a nokware Kristoni betumi anya. Wohu yɛn wɔ asɛnka mu sɛ Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no ananmusifo. Ne saa nti, nhwɛso pa a yɛbɛyɛ wɔ adwuma yi mu no ho hia kɛse. Ɔsomafo Paulo sii eyi so dua bere a ɔkae sɛ: “Yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no.” (2 Kor. 6:3) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ yɛn ahosiesie ho?
2 Ɛsɛ sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ahosiesie Yiye: Yɛn ahosiesie ma wɔn a wɔhwɛ yɛn no hu sɛ yɛda nsow. Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa hu nokware Kristofo sɛ wɔn ho tew na wɔwɔ ahobrɛase. Eyi twetwe nnipa komapafo ma wɔba Onyankopɔn a yɛsom no ne asɛm a yɛka no ho. Eyi aka nnipa binom “ma wɔasom Onyankopɔn, bere a wɔka sɛ: ‘Onyankopɔn wɔ mo mu ampa’ no.”—1 Kor. 14:24, 25.
3. Nea ɛne 1 Tim 2:9,10 hyia no, sɛn na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho bere a yɛrekɔ asɛnka no, na dɛn ntia?
3 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie yɛ nea ɛfata na ɛne asɛm a yɛka no hyia. Ɛnsɛ sɛ yɛma sɛnea yesiesie yɛn ho no da wiase su adi de twetwe adwene ba yɛn ho so. Sɛ yɛrekɔ asɛnka a, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛkyekyere yɛn ho, ɛyɛ tiatiaa anaa nahanaha, efisɛ ɛbɛsɛe asɛm a yɛreka no. Mmom no, esiane sɛ nokware Nyankopɔn no din da yɛn so nti, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ ‘mmea a woyi onyamesom pa kyerɛ.’—1 Tim. 2:9, 10.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati akyinnyegye wɔ asɛnka mu?
4 Kwati Akyinnyegye: Ɛtɔ mmere bi a yehyia nnipa bi a wonnye yɛn gyidi ahorow ntom. Yefi ɔdɔ mu tie wɔn efisɛ yenim sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene. Ebia ebinom bɛyɛ aniammɔnho adi yɛn ho fɛw na wɔakasa atia yɛn gyidi. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannye akyinnye denneennen wɔ afie mu. Te sɛ Yesu no, yenya abotare wɔ fɛwdi ne atɛnnidi ho na yɛda odwo ne ahosodi adi.—1 Pet. 2:23; 1 Tim. 2:8.
5. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn paa bere a yɛrekɔ asɛnka no?
5 Ɛne Obi a Ɛsono ne Bɔbeasu Nnyɛ Bible Adesua: Yɛte wiase bi a aporɔw na wɔma biribiara ho kwan a wɔnka abrabɔ pa ho nsɛm pii mu. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ma wɔn ani da hɔ bere nyinaa na wɔamfa wɔn ho anhyɛ nneyɛe fĩ a ebetumi de ahohorabɔ aba Yehowa ne n’ahyehyɛde no so mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de eyi adi dwuma wɔ yɛn asɛnka adwuma mu?
6. (a) Sɛ ɛba sɛ yɛn nkutoo na yɛnam asɛnka mu na yehyia obi a ɛsono ne bɔbeasu a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na wɔde ama yɛn wɔ Ɔwɛn-Aban July 1, 1992, kratafa 31 no mu fa wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a wɔkyerɛ anigye wɔ Bible mu nsɛm a yɛka no ho?
6 Wɔ asɛnka mu no, yehyia nnipa a ɛsono wɔn bɔbeasu a wɔkyerɛ nokware no ho anigye. Sɛ yɛn nkutoo na yɛnam asɛnka mu na sɛ yɛto onipa biako wɔ fie a, ɛbɛyɛ papa sɛ yegyina ofie no pon ano di onii no adanse mmom sen sɛ yɛbɛkɔ mu. Sɛ ɔkyerɛ ho anigye a, yɛ nhyehyɛe ne ɔdawurubɔfo foforo nsan nkɔ hɔ. Sɛ eyi ntumi nyɛ yiye a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛma ɔdawurubɔfo a ɔne fiewura no wɔ bɔbeasu koro akɔ hɔ.—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, July 1, 1992, kratafa 31.
7. (a) Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛreyɛ Bible adesua no? (b) Sɛ wo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu resua ade seesei a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
7 Saa ara nso na sɛ yɛreyɛ ofie Bible adesua a, ɛnsɛ sɛ anuawanom ne mmarima sua ade, na mmarima nso ne mmea nnsua ade. Mpɛn pii no, yebetumi anya obi a ɔne onigyeni no wɔ bɔbeasu koro na ɔne no asua ade. (Mat. 10:16) Sɛ ɔdawurubɔfo bi te nka sɛ ɔrennya obi a ɔne onigyeni no wɔ bɔbeasu koro ma ɔne no nsua ade a, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ mmoa fi asɛnka sohwɛfo anaa nhoma adesua sohwɛfo no hɔ.
8. (a) Asɛyɛde bɛn na asɛnka sohwɛfo ne nhoma adesua so ahwɛfo wɔ, sɛ ɛba sɛ onua bi ne obi a ɛsono ne bɔbeasu resua ade a? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ adawurubɔfo nyinaa ne anuanom a wodi anim no yɛ biako?
8 Ɛsɛ sɛ asɛnka sohwɛfo ne Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo siesie wɔn ho de mmoa ma ɔdawurubɔfo biara a ɔwɔ asafo no mu a ɔne obi a ɛsono ne bɔbeasu sua ade no. Wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma onua ne ɔbarima onigyeni sua ade na onuawa nso ne ɔbea a ɔkyerɛ anigye sua ade. Biako a yɛne ahwɛfo yi bɛyɛ no bɛma yɛanya Yehowa nhyira.—Heb. 13:17.
9. Ɔkwan bɛn so na yɛn asɛnka betumi de ayeyi abrɛ Yehowa?
9 Ɛnde, ntade a ɛfata a yɛbɛhyɛ, odwo ne ahobrɛase su a yebenya ne kwati a yɛbɛkwati tebea a ɛsɔ gyidi hwɛ wɔ yɛn asɛnka mu no de ayeyi ne anuonyam bɛbrɛ Yehowa. Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yi di dwuma wɔ yɛn asɛnka mu a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban na yɛanto “hintidua biara biribiara mu.”—2 Kor. 6:3.